Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 1

Ɔhyeɛ Afɔrebɔ

1 Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose , 2 "Kyerɛ Israelfoɔ no , morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.

3 " mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no. 4 Ɛsɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu ne bɔne so akatua. 5 Afɔrebɔni no bɛkum aboa no Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa. 6 Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ. 7 Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya afɔrebukyia no so. 8 Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so. 9 Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

10 " aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. 11 Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa. 12 Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so. 13 Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri , ɔhyeɛ afɔdeɛ Awurade ani.

14 " obi ɔde anomaa ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma. 15 Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn. 16 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu afɔrebukyia no apueeɛ fam. 17 Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn . Na ɔsɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também