Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 13

Ɔhonam Ani Nsaneyadeɛ Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron , 2 "obi hunu biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi ne honam mu a, ɔnhunu ɛyɛ kwata. Ɛsɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako 3 na ɔhwɛ ahonoeɛ no. enwi a ɛsi ahonoeɛ dane fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ ɔsɔfoɔ no da no adi ɔyarefoɔ no ɔkwatani. 4 Na ahonoeɛ no ntɔɔ honam no mu na ahonoeɛ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ ɔsɔfoɔ no yi ɔyarefoɔ no firi nnipa mu nnanson. 5 Nnanson no duru a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no bio na ahonoeɛ no nsesaeɛ na ɛntrɛtrɛɛ honam no ani a, ɔsɔfoɔ no bɛsane atwa no asuo nnanson bio. 6 Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na ɔhunu yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa , ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no wanya ayaresa awie. 7 Na nso ɔyarefoɔ no ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn ma ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ a, ɛsɛ ɔsane ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn bio 8 na ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ.

9 "obi nya ɔhonam ani nsaneyadeɛ a, ɛsɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ no. 10 ɔsɔfoɔ no hunu nwi no bi ayɛ fitaa na ekuro atɔ saa beaeɛ a, 11 na ɛkyerɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ, na ɛsɛ ɔsɔfoɔ no de to dwa amanneɛ kwan so no, onipa no ho nte. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ yadeɛ no mu bio, ɛfiri ɛda adi pefee honam no ayɛ kwata.

12 "Nanso ɔsɔfoɔ no hunu kwata no adidi ne honam nyinaa firi ne tiri so kɔsi ne nan ase nyinaa a, 13 ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka ne ho te, ɛfiri , ne honam nyinaa adane ayɛ fitaa. 14 Na akuro no bi pue ne honam no baabi foforɔ a, wɔbɛpae mu ka onipa no ɔkwatani. 15 Ɛsɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka ntɛm ara a ɔhunu ekuro honam no fa baabi, ɛfiri akuro no kyerɛ kwata honam no mu. 16 Na akuro no wu na ɛdane fitaa honam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfoɔ no bio. 17 Ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na honam no fa ayɛ fitaa deɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka ne ho atɔ no.

18 "pɔmpɔ si obi na ɛgyae 19 na baabi a pɔmpɔ no siiɛ no biribi hyɛnn, bi anaa deɛ ɛbere kakra hono a, ɛsɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. 20 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri , kwata apue afiri pɔmpɔ no mu. 21 Nanso ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu enwi fitaa biara nni baabi a yadeɛ no no, na yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosuo no nsonso a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson. 22 Saa ɛberɛ no mu beaeɛ no trɛtrɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka , onipa no yare kwata. 23 Na beaeɛ a ɛhɔ ayɛ hyɛnn no anhono bio na antrɛtrɛ a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka , ne ho te.

24 "obi hyehye na nhyehyeeɛ no mu kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a, 25 ɛsɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ . nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane fitaa na ɛyɛ adeɛ a adidi honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka onipa no ɔkwatani. 26 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ hyɛnn no, na hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson 27 na wahwɛ no bio ne nnanson so. yadeɛ no trɛ fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka kwata ayɛ onipa no. 28 Nanso honam no fa a ayɛ hyɛnn no antrɛtrɛ honam no ani, na ɛyɛ deɛ ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no ɛyɛ nhyehyeeɛ twa bi, enti ɔsɔfoɔ no bɛda no adi ɔnyare kwata.

29 "ekuro da ɔbarima anaa ɔbaa bi tirim anaa nʼafono ho a, 30 ɛsɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; ɔhwɛ na ɔhunu yadeɛ no adidi honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte akokɔsradeɛ ekuro no mu a, ɛsɛ ɔpae mu ka onipa no yare kwata. 31 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na mmom, ɛwɔ honam no ani a enwi tuntum mu a, ɛsɛ wɔyi onipa no firi nnipa mu nnanson, 32 na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a, 33 ɔbɛwerɛ enwi a atwa ekuro no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ ekuro no mu ankasa) na ɔsɔfoɔ no ayi no afiri nnipa mu nnanson bio. 34 Ne nnanson so, ɔbɛsane ahwɛ no bio na yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ, nnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka onipa no ho ate na ɔsi ne ntoma wie a, na afei wadi mu. 35 Na akyire no saa yadeɛ no trɛtrɛ a, 36 ɛsɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no bio a ɔnhwɛ enwi a ɛte akokɔsradeɛ fra yadeɛ no mu na ɔpae mu ka , onipa no yare kwata. 37 Na yadeɛ no trɛ a ɛretrɛtrɛ no gyae na enwi tuntum fu beaeɛ a, na ɛkyerɛ , ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka , ne ho ate.

38 "ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani fitaa nahanaha, 39 na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi.

40 "obi tiri so pa a, ɛwom ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ ɔyɛ ɔkwatani! 41 obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ ɛyɛ kwata. 42 Na mmom, nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu atipa no so a, na ɛkyerɛ , ebia, kwata ɛyɛ saa onipa no. 43 ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te kwata a, 44 na ɛkyerɛ , kwata ayɛ no, enti ɛsɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka , onipa no yare kwata.

45 "Onipa biara a wɔbɛhunu ɔyare kwata no, ɛsɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam , Me ho nte! Me ho nte!46 Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no ne ho nte enti ɛsɛ ɔtena kuro no akyi baabi.

47 "kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu 48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu, 49 na nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ. 50 Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ akɔsie nnanson 51 na nnanson so no, wasane ahwɛ bio. Na ɔhunu nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛkyerɛ , ɛyɛ kwata a ɛtumi sane nnipa, 52 enti ɛsɛ ɔde ogya hye ntoma, kuntu ne ntadetam ne aboa nhoma no nyinaa, ɛfiri , ɛnam yeinom so bɛtumi ama yadeɛ no asane nnipa.

53 "Na ne nnanson so no ɔhwɛ na nsisiiɛ no ntrɛtrɛeɛ a, 54 ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔasi nneɛma a wɔdwene yadeɛ no bi mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson. 55 nnanson bio akyi faako a yadeɛ no no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no ɛyɛ kwata enti ɛsɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri , yadeɛ no adidi mu ara yie. 56 Na ɔsɔfoɔ no hunu nneɛmasie no akyi, nsisiiɛ no ano abrɛ ase a, ɔbɛtwa afiri ntoma anaa aboa nhoma a wɔde adi dwuma bi no mu. 57 Na ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ wɔhye no. 58 wɔsi na asɛm biara amma ho a, wɔtumi de di dwuma biara ɛberɛ a wɔasane asi bio no."

59 Yeinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ a wɔnam so da no adi kwata dekodeɛ no mu anaa ebi nni mu no ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também