Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 22

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima , wɔmfa anidie mma afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ ate ho ama me no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnngu me din ho fi. Mene Awurade.

3 "Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, ɔsɔfoɔ biara a ne ho agu fi de ne nsa ka mmoa anaa akyɛdeɛ biara a nnipa no de aba wɔmfa mmɔ afɔdeɛ mma Awurade a, wɔbɛworɔ nʼatadeɛ. Mene Awurade.

4 "Ɔsɔfoɔ biara a ɔwɔ honam ani nsane yadeɛ biara nni ho kwan ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye , wɔasa no yadeɛ ama ne ho afiri ansa. Ɔsɔfoɔ biara a ɔde ne nsa bɛka funu anaa ɛnam ahosene enti ne ho bɛgu fi no, 5 anaa ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ɔwea fam anaa akyiwadeɛ bi anaa obi a biribi enti, wɔagu ne ho fi no, 6 saa ɔsɔfoɔ no ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ. Ɔrenni afɔrebɔdeɛ a wɔate ho no bi kɔsi anwummerɛ a ɔbɛdware. 7 owia kɔtɔ a, ne ho bɛte na ɛno akyi ɔbɛtumi adi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi, ɛfiri , ɛyɛ nʼaduane. 8 Ɛnsɛ ɔdi aboa funu anaa deɛ akekaboa bi atete ne mu, na amma ne ho angu fi. Mene Awurade.

9 "asɔfoɔ no kɔkɔ na wɔnni saa mmara yi so yie, anyɛ saa a, wɔbɛtwe wɔn aso na wɔawuwu wɔabu saa mmara yi so enti. Mene Awurade a mate wɔn ho.

10 "Obiara nni ho kwan ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi gye ɔyɛ ɔsɔfoɔ. Ɔhɔhoɔ a wabɛsra ɔsɔfoɔ no nni ho kwan ɔdi bi. Na saa ara nso na ɔsomfoɔ a wɔtua no ka nni ho kwan ɔdi bi. 11 Nanso ɛba ɔsɔfoɔ no de ɔno ara ne sika akoa a, saa akoa no tumi di bi. Na akoa no mma biara a ɔbɛwo wɔn fie no ho kwan wɔdi bi. 12 ɔsɔfoɔ babaa kɔware firi abusuakuo no akyi baabi a, ɔnni ho kwan ɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no bi. 13 Na ɔyɛ okunafoɔ anaa obi a wɔagyaa no awadeɛ na ɔnni babarima a ɔbɛhwɛ no na ɛno enti ɔsane ba nʼagya nkyɛn a, ɔtumi di nʼagya aduane no bi bio. Yeinom akyi no, asɔfoɔ no abusuafoɔ nko ara na wɔwo ho kwan wɔdi afɔrebɔdeɛ kronkron no.

14 "obi anhunu na ɔkɔdi saa afɔrebɔdeɛ kronkron no bi a, ɛsɛ ɔtua ho ka na ɔsane ho nkyɛmu ɔha mu aduonu de ka ho. 15 Ɛfiri , afɔrebɔdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, ɛnsɛ nnipa a wɔmmaa wɔn ho kwan wɔnni bi no di bi, ɛfiri , Awurade na ɔde saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa abrɛ no. 16 Na obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no di ho , na asɛm da ne so, ɛfiri , wadi afɔrebɔdeɛ kronkron. Na mene Awurade a mete afɔrebɔdeɛ nyinaa ho."

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 18 "Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israelfoɔ nyinaa , Israelni anaa obi a ɔne mo te ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bɔhyɛ bi enti anaa ɔno ara ne mu na ɔrebɔ no, 19 afɔrebɔdeɛ no aboanini a ne ho nni dɛm biara a ɔyɛ nantwie ba anaa odwan anaa abirekyie no, Awurade bɛgye. 20 Ɛnsɛ wɔde biribiara a ɛdɛm ho afɔdeɛ, ɛfiri , wɔrennye. 21 Obiara a ɔfiri nʼanantwie anaa ne nnwan mu ɔrebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade no, ɛyɛ bɔhyɛ bi ho afɔrebɔ anaa ɔno ara ne mu no, ɛnsɛ ɔde aboa a wadi dɛm na ɛbɔ saa afɔdeɛ no, ɛfiri , wɔrennye. 22 Aboa a nʼani abɔ anaa wadi dɛm anaa wapira anaa ekuro anaa nweweeɛ ne ho, anaa wedeɛ ani yadeɛ ayɛ no no, ɛnsɛ wɔde no afɔdeɛ ma Awurade. Ɔmfata wɔde no ba afɔrebukyia so bɛbɔ afɔdeɛ ma Awurade. 23 biribi a ɛboro so anaa ɛtɔ sin nantwie ba anaa odwan ba a wɔde no rebrɛ Awurade no ho a, ɛsɛ wɔde no ɔpɛ mu afɔdeɛ na mmom, ɛnyɛ bɔhyɛ afɔdeɛ. 24 Ɛnsɛ wɔde aboa a wɔasa no Awurade afɔdeɛ ɛkwan biara so. 25 Saa mmara yi da ma ahɔhoɔ a wɔfra mo mu a wɔpɛ wɔbɔ afɔdeɛ ne mo ankasa, ɛfiri , aboa biara a wadi dɛm no nyɛ mma saa afɔrebɔ no.’ "

26 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 27 "wɔwo nantwie, odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ aboa no tena ne maame nkyɛn nnanson. Na ɛfiri nnawɔtwe rekorɔ no, wɔde no ogya afɔdeɛ a, Awurade bɛgye. 28 Ɛnsɛ mokum aboa bi ne ne ba ɛda koro, ɔyɛ nantwie anaa odwan.

29 "morebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛsɛ mofa ɛkwan pa so, 30 ɛne , mobɛwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ no nam ɛda no ara a wɔkumm no no. Mommma adeɛ nnkye ebi so. Mene Awurade.

31 "Monni me mmarahyɛ nyinaa so na mene Awurade. 32 Ɛnsɛ mogu me din kronkron ho fi. Monni me ni na me, Awurade, na metee mo ho de mo bataa me ho, 33 nam so gyee mo firii Misraim ma mobɛyɛɛ mʼankasa me nnipa! Mene Awurade."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também