Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 3

Asomdwoeɛ Afɔrebɔ

1 " obiara ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ , nanso ɛsɛ aboa no deɛ ne ho nni dɛm biara. 2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho, 3 na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa 4 ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo Awurade anim. 5 Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie.

6 " abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ. 7 mode odwan ba mo akyɛdeɛ a, 8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa. 9 Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho, 10 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho. 11 Ɔsɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

12 " obi de abirekyie brɛ Awurade nʼafɔrebɔdeɛ a, 13 fa wo nsa gu aboa no apampam naku no Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa. 14 Ɛsɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no aboa no yam sradeɛ, 15 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho. 16 Ɔsɔfoɔ no bɛhye afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sradeɛ no nyinaa Awurade dea.

17 " Yei ne mmara a monni so daa nyinaa asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também