Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 27

Sɛdeɛ Wɔgye Deɛ Ɛyɛ Awurade Dea

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , onipa bi hyɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na ɔpɛ ɔtua sika mmom a, 3 ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia, 4 ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan (340), 5 abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 6 Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35. 7 Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson (170); na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 8 Na obi ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua.

9 " ɔde aboa hyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron. 10 Ɛnsɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. ɛba wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no mmoa mmienu no nyinaa ho te. 11 aboa a ɔde rema Awurade no ho nte na ɛmfata wɔde afɔrebɔdeɛ ma Awurade a, ɛsɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ. 12 Ɔno na ɔbɛhwɛ aboa no di mu anaa ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ ɔtua de si aboa no anan. 13 aboa no deɛ ɛsɛ wɔde no afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no ɔntua no ho.

14 " obi de ne fie ma Awurade na ɔpɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so, 15 na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio.

16 " ɔbarima bi ɔde nʼabusua asase fa bi afɔdeɛ ma Awurade a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia wɔbɛdua so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570). 17 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa. 18 Na ɔde asase no ma Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so. 19 Na ɔbarima no ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. 20 Na nso ɔyɛ nʼadwene ɔmpɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio. 21 wɔdane asase no ma Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ.

22 " obi bi de asase a watɔ ma Awurade, na asase no nyɛ nʼabusua asase a, 23 ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Awurade. 24 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no. 25 Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa nnwetɛbena a wɔgye hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako.

26 " Ɛnsɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, ɛfiri abakan biara, ɔyɛ nantwie anaa odwan no, Awurade dea dada. 27 ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ.

28 " Adeɛ biara a wɔde ama Awurade no, ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri , biribiara a ɛte saa no kronkron ma Awurade.

29 " Onipa biara a Awurade ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ wɔkum no.

30 " Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, ɛyɛ aburoo anaa aduaba no Awurade dea. Ɛyɛ kronkron. 31 obi ɔsane saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho. 32 Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no kronkron ma Awurade. 33 Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma Awurade no, wɔnhwɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri , wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ "

34 Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose Sinai Bepɔ so ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também