Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 1

Nnipakan

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa : 2 "Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din. 3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi ɔsa. 4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo.

5 "Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie:

"Ruben abusuakuo no ntuanoni Sedeur babarima Elisur;

6 Simeon abusuakuo no ntuanoni Surisadai babarima Selumiel;

7 Yuda abusuakuo no ntuanoni Aminadab babarima Nahson;

8 Isakar abusuakuo no ntuanoni Suar babarima Netanel;

9 Sebulon abusuakuo no ntuanoni Helon babarima Eliab;

10 Yosef mmammarima no:

Efraim abusuakuo no ntuanoni Amihud babarima Elisama;

Manase abusuakuo no ntuanoni Pedahsur babarima Gamaliel;

11 Benyamin abusuakuo ntuanoni Gideoni babarima Abidan;

12 Dan abusuakuo ntuanoni Amisadai babarima Ahieser;

13 Aser abusuakuo ntuanoni Okran babarima Pagiel;

14 Gad abusuakuo ntuanoni Deguel babarima Eliasaf;

15 Naftali abusuakuo ntuanoni Enan babarima Ahira."

16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no.

17 Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi, 18 na ɛda a ɛdi ɛkan ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako 19 sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn Sinai ɛserɛ so.

20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 21 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).

22 Simeon asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 23 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).

24 Gad asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 25 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).

26 Yuda asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 27 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).

28 Isakar asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 29 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).

30 Sebulon asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 31 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).

32 Yosef mmammarima no:

Efraim asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 33 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu mpem aduanan ne ahanum (40,500).

34 Manase asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 35 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200).

36 Benyamin asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 37 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).

38 Dan asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 39 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).

40 Aser asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 41 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).

42 Naftali asefoɔ:

Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 43 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

44 Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn. 45 Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. 46 Na wɔn nyinaa dodoɔ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550).

47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. 48 Na Awurade aka akyerɛ Mose , 49 "Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho. 50 Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. 51 Ɛberɛ biara a ɛsɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no. 52 Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa. 53 Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so."

54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também