Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 33

Israelfoɔ Akwantuo

1 Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no. 2 Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔn akwantuo no mu.

3 Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn. 4 Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.

5 Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot.

6 Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ Etam, ɛserɛ no ano.

7 Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ bepɔ Migdol ho.

8 Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ Mara.

9 Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson .

10 Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

11 Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ Sin anweatam so.

12 Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka.

13 Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ Alus.

14 Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom.

15 Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so.

16 Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ Kibrot-Hataawa.

17 Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot.

18 Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma.

19 Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres.

20 Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna.

21 Wɔfirii Libna kɔɔ Risa.

22 Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata.

23 Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ Sefer Bepɔ so.

24 Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada.

25 Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot.

26 Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat.

27 Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ Tera.

28 Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka.

29 Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona.

30 Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot.

31 Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan.

32 Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad.

33 Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata.

34 Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona.

35 Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber.

36 Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ Kades, Sin ɛserɛ so.

37 Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ Bepɔ Hor so, Edom hyeɛ ano. 38 Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no. 39 Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ Bepɔ Hor so.

40 Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb Kanaan asase so no tee Israelfoɔ no reba nʼasase so.

41 Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ Salmona.

42 Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon.

43 Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.

44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so.

45 Wɔfirii no, wɔkɔɔ Dibon Gad.

46 Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim.

47 Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so.

48 Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no. 49 Wɔwɔ saa beaeɛ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan hoɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no.

50 Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no , 51 "motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a, 52 mompam nnipa a wɔte no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa. 53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so. 54 Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa.

55 "moampam nnipa a wɔte no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo asase no so. 56 Na mede deɛ mahyɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também