Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 32

Mmusuakuo A Wɔwɔ Yordan Apueeɛ Fam

1 Na Ruben ne Gad mmusuakuo no nyɛmmoa pii, enti wohunuu Yaser ne Gilead nsase no bɛyɛ ama wɔn nnwan ne anantwie no, 2 wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no ntuanofoɔ no nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ wɔn , 3 "Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon. 4 Saa nsase yi nyinaa, Awurade ako, agye ama Israelfoɔ. Ɛbɛyɛ ama yɛn nnwan ne yɛn anantwie. 5 yɛanya adom mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn yɛn kyɛfa na monnyae Asubɔnten Yordan fa nohoa a mopɛ mode ma yɛn no."

6 Mose nso bisaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no , "Mokyerɛ , mopɛ motena ha ɛberɛ a mo nuanom atwa mu rekɔko? 7 Mopɛ mobu nnipa a aka no aba mu ma wɔsane wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no? 8 Ade koro yi ara na mo agyanom yɛeɛ. Mesomaa wɔn firii Kades-Barnea wɔnkɔsra asase no 9 nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so. 10 Na Awurade bo fuu wɔn enti ɔkaa ntam , 11 wɔn a wɔayi wɔn afiri Misraim asase so no, wɔn mu biara nni a wadi boro mfirinhyia aduonu a ɔbɛhunu asase a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho no, ɛfiri , wɔanni ne mmara so. 12 Agye Kenesini32.12 Sɛdeɛ 1 Mose 15.19 ne 36.11 kyerɛ no, Kenesifoɔ Kanaanfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ. Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua na wɔnka ho, ɛfiri , wɔde wɔn akoma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so. 13 Awurade ma yɛkyinkyinii ɛserɛ no so mfirinhyia aduanan kɔsii saa awoɔ ntoatoasoɔ amumuyɛfoɔ no nyinaa wuwuiɛ.

14 "Nanso, monhwɛ, abɔnefoɔ, moreyɛ saa bɔne koro no ara bi. Esiane mo dɔɔso enti, Awurade bo a afu Israel no ano bɛyɛ den sen kane no. 15 motwe mo ho firi Onyankopɔn ho sei a, ɔbɛma nnipa no atena ɛserɛ so akyɛre na nnome bi ba wɔn so a, ɛho asodie da mo so."

16 Wɔteaam , "Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nnwammuo na yɛakyekyere nkuro akɛseɛ asi nketewa no anan 17 na yɛn ankasa de akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfoɔ a aka no anim kɔsi yɛde wɔn bɛba asomdwoeɛ mu ama wɔabɛfa wɔn agyapadeɛ. Na deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ yɛkyekyere nkuro a yɛbɛgye afasuo afa ho ama yɛn nkurɔfoɔ atena mu na ɛhɔfoɔ no ankɔto anhyɛ wɔn so. 18 Israelfoɔ no nsa nkaa wɔn agyapadeɛ no a, yɛrentena ha. 19 Yɛmpɛ Yordan ho asase biara. Mmom, yɛpɛ asase a ɛda apueeɛ fam no."

20 Mose kaa , "Ɛyɛ. mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no, 21 na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a, 22 ɛnneɛ, asase no ho asɛm dwo brɛoo Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ , moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo.

23 "moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na ɛba saa a, monhunu , ɛho asotwe bɛba mo so. 24 Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so."

25 Ruben ne Gad nkurɔfoɔ no kaa , "Yɛbɛdi wʼahyɛdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. 26 Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nnwan ne yɛn anantwie bɛtena Gilead nkuropɔn mu. 27 Nanso, yɛn a wɔakyere yɛn asraafoɔ no bɛko ama Awurade sɛdeɛ woaka no."

28 Enti, Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasa, Yosua ne mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo ano no , 29 "Gad ne Ruben abusuakuo mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ahyɛ sraa mu wɔnkɔko mma Awurade no ne me Yordan na wɔkɔko di nkonim a, momfa Gilead asase no mma wɔn; 30 na wɔankɔ a, ɛnneɛ wɔmpene so mfa nsase a mowɔ Kanaan asase so no bi."

31 Gad ne Ruben abusuafoɔ kaa bio , "Yɛbɛdi Awurade asɛm so; 32 yɛde akodeɛ bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan nanso, yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha."

33 Enti, Mose maa wɔde Amorifoɔhene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkuro akɛseɛ maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuo.

34 Gad nkurɔfoɔ na wɔkyekyeree saa nkuro yi: Dibon, Atarot, Aroer. 35 Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha, 36 Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkuro a nnwan mu yie. 37 Ruben mmammarima na wɔkyekyeree saa nkuro a ɛdidi so yi: Hesbon, Eleale Kiriataim, 38 Nebo, Baal-Meon ne Sibma. Wɔtotoo nkuro a wɔakyekyere no edin foforɔ.

39 Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte no nyinaa. 40 Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa . 41 Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ no din frɛɛ Hafrotyair. 42 Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ , enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também