Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 24

1 Afei, Balaam hunuu Awurade ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so, 2 hunuu Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so, 3 na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:

"Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

4 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

5 "Ao Yakob, mo ntomadan ,

Ao Israel, mo afie ahomeka.

6 "Ɛsam mʼanim te mmɛfuo,

te nturo frɔmfrɔm asubɔnten ho.

Wɔte pɛperɛ a Awurade adua,

te ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

7 Wɔbɛnya nsuo bebree.

Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.

"Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;

wɔn ahennie bɛkorɔn.

8 "Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;

ɔtwee wɔn wiram nantwie.

Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,

ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,

ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

9 Israel butu gyata;

ɔte gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?

"Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,

na nnome nka obiara a ɔdome wo."

10 Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam , "Mefrɛɛ wo bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa. 11 Firi me so ! Sane wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!"

12 Balaam buaa no , "Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa , 13 Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ ma koraa a, menni tumi mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.Meka kyerɛɛ wo asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka. 14 Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛdi Akyire No

15 Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:

"Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

16 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

17 "Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;

mehwɛ no daakye akyirikyiri.

Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!

Ahempoma bɛfiri Israel mu.

Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,

na wapaapae Moab mma tikwankora.

18 Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfoɔ yɛ Esau asefoɔ.

na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so adi nkonim.

19 Ɔhene bi bɛsɔre Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Enum

20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm ,

"Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,

nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!"

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nsia

21 Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm ,

"Mo atenaeɛ pa ara,

wanwono mo pirebuo abotan mu.

22 Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ

ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum."

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nson

23 Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne :

"Aa, Onyankopɔn sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?

24 Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba

Na abɛka Eber24.24 Eber asefoɔ yɛ Hebrifoɔ (1 Be 25–27). ne Asur ahyɛ.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa."

25 Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também