Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 18

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Asɛdeɛ

1 Awurade kasa kyerɛɛ Aaron , "Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea no ho asodie bɛda mo so. Na biribi ankɔ so yie asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm. 2 Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim. 3 Ɛsɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron afɔrebukyia no so mu. wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn. 4 Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan ɔboa wo ɛkwan biara so.

5 "Kae asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ wɔdi dwuma a ɛho te kronkronbea ne afɔrebukyia no so. wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio wɔabu mmara yi so. 6 Meka bio , Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi Awurade ma wo. 7 Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu."

8 Awurade sane ka kyerɛɛ Aaron : "Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ Awurade no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea. 9 Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa mo dea, agye emu bi a wɔhye no afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara. 10 Ɛsɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ wɔdie.

11 "Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte.

12 "Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa mo dea. 13 mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi.

14 "Deɛ wɔde bɛma Awurade biara mo dea. 15 Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan. 16 abakan no di bosome a, na ɛsɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba.

17 "Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ wɔde wɔn afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani . 18 Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ wɔde ama Awurade no nso, mobɛfa. 19 Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Awurade a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei bɔhyɛ a ɛda mo ne Awurade ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa."

20 Awurade ka kyerɛɛ Aaron , "Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo.

21 "Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka. 22 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan wɔkɔ kronkron mu kronkron . Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn na wɔawuwu. 23 Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma . wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn . Ɛyɛ mmara a ɛda afebɔɔ ɛnsɛ Lewini biara nya agyapadeɛ Israelman mu. 24 Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma Awurade no na ɛsɛ Lewifoɔ no fa. Yei agyapadeɛ, enti ɛho nhia wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio."

25 Awurade sane ka kyerɛɛ Mose , 26 "Ka kyerɛ Lewifoɔ no , ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma Awurade. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no so. 27 Na Awurade bɛgye no mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu. 28 Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron Awurade kyɛfa. 29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.

30 "Na wɔbɛfa no deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea . 31 Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri , ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua. 32 Mo Lewifoɔ no, mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. moyɛ saa a, mobɛwuwu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também