Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 15

Afɔrebɔ Ahodoɔ Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , mokɔtena asase a mede ama mo no so 3 na mopɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ afɔrebɔdeɛ no aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ , anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho. 4 Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade. 5 Odwammaa biara a wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

6 " odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako, 7 ne bobesa lita baako ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ Awurade ani.

8 " wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama Awurade a, 9 fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho 10 a bobesa lita mmienu ka ho ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ Awurade ani. 11 Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde afɔdeɛ ho. 12 Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ ɔfa saa ɛkwan yi so.

13 " Ɛsɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so. 14 Na ahɔhoɔ a wɔte mo mu no wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so. 15 Mmara no ma mo nyinaaɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so wɔn nyinaa Awurade anim. 16 Mmara baako na ɛwɔ ma mo nyinaa.’ "

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no , 18 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so 19 na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma Awurade. 20 Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no ayuporobea no. 21 Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma Awurade.

Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Afɔrebɔ

22 " mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 23 na daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a Awurade nam Mose so de ama mo yi so, 24 na wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma Awurade. 25 Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri , ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho. 26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri , ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.

27 " obi mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ 28 na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no. 29 Saa mmara yi ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no.

30 " Na obi boapa mfomsoɔ a, ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu. 31 Mperɛ dodoɔ a wɔabu Awurade asɛm animtiaa na wɔboapa abu Awurade mmara so no, ɛsɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’ "

Homeda Sobu, Ɛho Asotwe

32 Ɛda bi a Israelfoɔ no ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako ɔrebubu mmabaa homeda. 33 Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim. 34 Wɔde no too afiase kɔsii wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ saa onipa no ho. 35 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Ɛsɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ atenaeɛ no akyi baabi." 36 Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

37 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 38 "Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano. 39 Saa mmara yi botaeɛ ne , ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no. 40 Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn. 41 Mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene Awurade mo Onyankopɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também