Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 20

Nsuo Firi Ɔbotan Mu

1 Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no.

2 Na nsuo a wɔbɛnom nni enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3 Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ , "yɛne yɛn nuanom wuwuu Awurade anim a anka yɛpɛ. 4 Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so yɛmmewuwu? 5 Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha."

6 Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam. 7 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose , 8 "Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!"

9 Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie Awurade anim, 10 na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn , "Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?" 11 Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ.

12 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron , "Esiane moante me ho Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho no so!"

13 Wɔfrɛɛ beaeɛ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri , ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn ɔyɛ kronkron.

Edom Si Israel Ɛkwan

14 Ɛberɛ a Mose Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn wɔnkɔka nkyerɛ no :

"Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu, 15 sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa mfeɛ bebree na yɛhunuu amane Misraimfoɔ nkoa. 16 Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim.

"Seesei yɛwɔ Kades mo asase hyeɛ so. 17 Yɛsrɛ mo , momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no."

18 Nanso, Edomhene kaa ,

"Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!"

19 Israelfoɔ no buaa ,

"Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ yɛtwam mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi."

20 Nanso Edomhene buaa ,

"Mommfa yɛn asase so!"

Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so. 21 Esiane Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn.

Aaron Owuo

22 Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so. 23 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so , 24 "Ɛberɛ aduru Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri , mo baanu yɛɛ me dɔm Meriba nsuo no ho. 25 Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa Bepɔ Hor so. 26 Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom."

27 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28 Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi, 29 na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também