Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 14

Nnipa No Tee Atua

1 Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa. 2 Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu , "yɛwuwuu Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara 3 sen wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa . Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!" 4 Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam , "Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim."

5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam Israelfoɔ no anim. 6 Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu 7 na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa , "Asase a ɛda yɛn anim no asase pa. 8 Na yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen soɔ, na ɔde bɛma yɛn. 9 Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!"

10 Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne , wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, Awurade animuonyam baeɛ 11 na Awurade bisaa Mose , "Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni? 12 Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!"

13 Mose srɛɛ Awurade , "Na Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ. 14 Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim wodi yɛn anim yɛn ho ban awia ne anadwo. 15 Na wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka , 16 ɛsɛ Awurade kum wɔn, ɛfiri , wantumi anhwɛ wɔn so ɛserɛ so . Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam ɔde bɛma wɔn no so.

17 "Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na yɛn yie. Ɛwom woaka , 18 Awurade bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.19 Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri , wo enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi."

20 Awurade kaa , "Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no. 21 Nanso, mete ase yi, na Awurade animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi, 22 saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de me hwɛ. 23 Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi . 24 Nanso, mʼakoa Kaleb onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa. 25 Nanso, ɛsiane Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no ɛserɛ so."

26 Awurade bisaa Mose ne Aaron , 27 "Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa. 28 Ka kyerɛ wɔn , Awurade ka ntam ɔbɛyɛ deɛ mosuro. 29 Mo nyinaa mobɛwuwu ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no, 30 wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua. 31 Moka mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no. 32 Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha. 33 Ɛsɛ mokyini ɛserɛ so ha atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha. 34 Esiane akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.35 Me, Awurade, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu ɛserɛ so ha."

36 Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa Awurade no, 37 wɔkunkumm wɔn Awurade anim. 38 Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase.

39 Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ. 40 Wɔsɔree anɔpahema wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa , "Yɛahunu yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho no so."

41 Nanso, Mose kaa , "Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa monsane nkɔ ɛserɛ so no so. 42 Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri , Awurade nni mo afa. 43 Mo werɛ afiri Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo."

44 Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho Awurade adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ . 45 Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também