Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 9

Twam Afahyɛ

1 Bosome a ɛdi ɛkan no mu afe a ɛtɔ so mmienu no mu a wɔafiri Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose ɛberɛ a ɔne Israelfoɔ Sinai ɛserɛ no so no , 2 "Ɛsɛ afe biara mu bosome a ɛdi ɛkan no dadu nna ɛnan no, Israelfoɔ di Twam Afahyɛ no. 3 Ɛsɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase owiatɔberɛ. Ɛsɛ modi mmara biara a ɛfa saa afahyɛ yi die ho so."

4 Enti Mose kaa , wɔbɛhyɛ Twam Afahyɛ no die ase ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ 5 Sinai asase no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.

6 Na asɛm a ɛsiiɛ ne , afei na na nnipa no bi firi ayie aba enti, ɛsiane wɔde wɔn ho aka owufoɔ enti, na wɔn ho agu fi. Yei enti anadwo no, wɔantumi anwe Twam Afahyɛ dwammaa no bi. Wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn 7 bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛha wɔn mu kyerɛɛ wɔn. Wobisaa , "Yɛde yɛn ho aka funu, nanso ɛdeɛn enti na yɛne Israelfoɔ nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Awurade sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no?"

8 Mose kaa ɔbɛbisa Awurade.

9 Ɔbisaa Awurade no, mmuaeɛ a ɔnyaeɛ nie: 10 "Israelni biara a ɔbɛsɔ efunu mu, ɔyɛ nnɛmma anaa ɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu no, ɛyɛ Twam Afahyɛberɛ a, ne ho agu fi, ɛfiri , wasɔ efunu mu. wɔnam akwantuo mu enti wɔantumi amma a, wɔtumi di Awurade Twam Afahyɛ no bosome akyi; 11 bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho. 12 Ɛnsɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so. Ɛnsɛ wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ wɔdi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ɔntuu kwan no nanso wanni Twam Afahyɛ no ne berɛ ano no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelfoɔ no mu, ɛfiri , ɔboa pa ɔremmɔ afɔdeɛ mma Awurade ɛberɛ a ɛsɛ mu, enti ɛsɛ ɛho afɔdie ba ne so.

14 "ɔhɔhoɔ bi fra mo mu na ɔpɛ ɔdi Twam Afahyɛ no bi de hyɛ Awurade animuonyam a, ɛsɛ ɔdi mmara korɔ no ara so. Mmara baako na ɛwɔ ma mo nyinaa."

Egyamununkum

15 Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa. 16 Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfoɔ no dii akyire kɔsii baabiara a ɛkɔ kɔgyinaeɛ ma wɔbɔɔ atenaeɛ. 18 Yei kyerɛ , Awurade ka wɔnkɔ a, wɔkɔ, na ɔka wɔnnyina a, wɔgyina. Na Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina kɔsi mmerɛ dodoɔ a ɛgyina no nyinaa. 19 ɛgyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina kyɛ. Na ɛgyina nna kakra bi a, wɔn nso gyina nna kakra bi saa ara, ɛfiri , saa na Awurade ahyɛ wɔn wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiaeɛ Ntomadan no so nna kakraa bi. ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wɔtu firii wɔn atenaeɛ. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyeeɛ. Nanso ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenaeɛ di akyi. 22 omununkum no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi na ɛdi nnanu, bosome anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfoɔ no hwɛ de tena . Nanso ɛnya tu ara , na wɔn nso atu. 23 Yei kyerɛ , wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também