Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 27

Selofehad Mmammaa

1 Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ no anim. 2 Na mmaa no Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad wɔn agya. 3 Wɔkaa , "Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ. 4 Adɛn enti na ɛsiane yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di , ɛsɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi."

5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim. 6 Awurade buaa Mose , 7 "Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn.

8 "Deɛ ɛdi bio ne , ɛsiane ɛyɛ mo mmara , obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ nʼagyapadeɛ ne mmammaa enti, monyɛ no saa. 9 Na ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ agyapadeɛ no ne nuammarima nkyɛn. 10 Na ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11 Na ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so."

Wɔyi Yosua Mose Abadiakyire

12 Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose , "bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so. 13 wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no, 14 ɛfiri , wosɔre tiaa me mmara Sin ɛserɛ so . Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ nsuo no ho." Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo "Akoeɛ" a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so.

15 Mose ka kyerɛɛ Awurade , 16 "Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan 17 a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so."

18 Awurade buaa no , "na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no ne mu no, 19 na fa no ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa. 20 Fa wo tumi ma no badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no. 21 wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ wɔyɛ."

22 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa. 23 Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também