Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 22

Balak Frɛ Balaam

1 Afei, Israelfoɔ no kɔɔ Moab tata so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanimu no.

2 Sipor babarima Moabhene Balak hunuu deɛ Israelfoɔ ayɛ Amorifoɔ. 3 Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa.

4 Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa , "Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ."

Enti, Moab ɔhene Balak 5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam ɔmmɛboa no.

Ɔkaa , "Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me. 6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so."

7 Nnipa a ɔsomaa wɔn no atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no.

8 Balaam kaa , "Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me menyɛ no, mɛka akyerɛ mo." Enti wɔdaeɛ.

9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no , "Saa nnipa yi ɛhefoɔ?"

10 Ɔbuaa , "Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn. 11 Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ mekɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so."

12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no , "Nkɔ. Ɛnsɛ wodome wɔn, ɛfiri , mahyira wɔn!"

13 Adeɛ kyeeɛ no, anɔpa, Balaam ka kyerɛɛ nnipa no , "Monsane nkɔ fie! Awurade rempene mma mennyɛ saa."

14 Enti, ɔhene Balak ananmusifoɔ no sane wɔn akyi bɛbɔɔ amaneɛ ɔse ɔremma.

15 Balak hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu. 16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no ,

"Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo bra. 17 Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn."

18 Nanso, Balaam buaa , "ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so. 19 Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa."

20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam , "Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yie na deɛ mɛkyerɛ wo no nko ara."

21 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, tenaa ne so ne wɔn hyɛɛ aseɛ kɔeɛ. 22 Nanso, Onyankopɔn bo fuu Balaam ahopere a ɔde kɔeɛ no; enti ɔsomaa ɔsoro Awurade ɔbɔfoɔ kɔgyinaa akwantemfi ɔnkum no . Ɛberɛ a Balaam ne asomfoɔ baanu rekorɔ no, 23 prɛko , Balaam afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no ɔkura sekan gyina ɛkwan no mfimfini. Aboa no kwae faa wiram nanso Balaam kaa ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛfa ɛkwan mu.

24 Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina no bobefuo afasuo mmienu ntam. 25 Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio.

26 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa. 27 Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa. 28 Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no , "Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ wohwe me mprɛnsa?"

29 Balaam nso buaa no , "Ɛfiri , woama masɛ ɔkwasea. Na mekura sekan a, anka mɛkum wo."

30 Afunumu no nso bisaa no , "Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?"

Ne wura no buaa , "Dabi."

31 Afei, Awurade buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.

32 Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no , "Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba merebɛka ama woagyae, ɛfiri , worepɛ adeɛ asɛe. 33 Afunumu no hunuu me mprɛnsa a emu biara ɔkwae faa baabi; anyɛ saa a, anka mɛkum wo na magyaa no."

34 Afei, Balaam ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no , "Mafom. Na mennim wowɔ . wompɛ metoa mʼakwantuo no so deɛ a, meresane akɔ efie."

35 Nanso, Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no , "Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko na ka." Enti Balaam ne wɔn kɔeɛ.

36 Ɛberɛ a ɔhene Balak tee Balaam reba no, ɔfirii kuro no mu kɔhyiaa no Asubɔnten Arnon ho ne hyeɛ so. 37 Ɔbisaa Balaam , "Adɛn enti na wokyɛɛ saa? Anaasɛ, mehyɛɛ wo mɛhyɛ wo animuonyam no na wonnye nni?"

38 Balaam buaa , "Ɛwom maba deɛ, nanso menni tumi biara a mɛka asɛm biara agye asɛm a Onyankopɔn bɛka akyerɛ me menka no nko na mɛka."

39 Balaam kaa ɔhene no ho ne no kɔɔ Kiria-Husot, 40 baabi a ɔhene Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanimfoɔ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ no. 41 Adeɛ kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ɔfiri too nʼani hunuu Israelfoɔ no sam aseɛ .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também