Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 34

Kanaan Ahyeɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:

3 " Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no. 4 Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim anafoɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon. 5 Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.

6 Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda no.

7 Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor, 8 de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad 9 ne Sifron akɔ Hasar-Enan.

10 Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam 11 akɔsi Ribla Ain apueeɛ fam. Ɛfiri a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no apueeɛ fam, 12 na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.

" Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ "

13 Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no , "Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa. 14 Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi 15 Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no."

Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 17 "Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua. 18 Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.

19 "Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:

"Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;

20 Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;

21 Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;

22 Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;

23 Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;

24 Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;

25 Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;

26 Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;

27 Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;

28 Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni."

29 Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também