Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 26

Israel Nnipakan A Ɛtɔ So Mmienu

1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa , 2 "Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa abusua biara mu." 3 Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ Moab tata so, Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no , 4 "Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no."

Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.

Ruben Abusuakuo

5 Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ:

Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;

Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

6 Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;

Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730).

8 Na Palu Eliab aseni, 9 na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia. 10 Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa. 11 Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.

Simeon Abusuakuo

12 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu:

Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.

Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.

Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

13 Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;

Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ mpem aduonu mmienu ne ahanu.

Gad Abusuakuo

15 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:

Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;

Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.

Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.

16 Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.

Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

17 Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.

Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

Yuda Abusuakuo

19 Na Yuda mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu Kanaan asase so.

20 Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.

Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.

Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.

Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

21 Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.

Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.

Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ mpem aduɔson nsia ne ahanum.

Isakar Asefoɔ

23 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase:

Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola.

Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

24 Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub.

Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300).

Sebulon Asefoɔ

26 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase:

Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered.

Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.

Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ mpem aduosia ne ahanum.

Manase Abusuakuo

28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.

29 Manase asefoɔ:

Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir.

Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

30 Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase:

Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

31 Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel.

Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.

32 Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida.

Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

33 Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700).

Efraim Abusuakuo

35 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase:

Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela.

Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker.

Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

36 Na yei abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase:

Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

37 Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500).

Manase ne Efraim mmusua nyinaa Yosef asefoɔ.

Benyamin Abusuakuo

38 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu.

Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela.

Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel.

Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.

39 Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam.

Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

40 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu.

Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard.

Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.

41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600).

Dan Abusuakuo

42 Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu.

Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.

Na Dan mmusua no nyinaa Suhamfoɔ. 43 Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400).

Aser Abusuakuo

44 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu.

Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna.

Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui.

Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

45 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu.

Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber.

Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

46 Na Aser ɔbabaa bi a ne din de Sera.

47 Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

Naftali Abusuakuo

48 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu.

Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel.

Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.

49 Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ mpem aduanan enum ne ahanan (45,400).

Nnipa Dodoɔ A Wɔkan Wɔn

51 Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 53 "Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ. 54 Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa. 55 Hwɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so. 56 Ɛsɛ wɔbɔ ntonto agyapadeɛ no kyekyɛ so akuo akɛseɛ ne nketewa no mu."

57 Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie:

Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson.

Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat.

Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

58 Yeinom nso Lewifoɔ mmusua:

Libnifoɔ,

Hebronfoɔ,

Mahlifoɔ,

Musifoɔ ne

Korafoɔ.

Kohat Amram tete agya; 59 Ɛberɛ a Lewi Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam. 60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 61 Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.

62 Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ mpem aduonu mmiɛnsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri , wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.

63 Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no. 64 Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no Sinai ɛserɛ so , 65 ɛfiri , na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ . "Wɔbɛwuwu ɛserɛ so" no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também