Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 13

Akwansrafoɔ Kanaan Asase So

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase soasase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni."

3 Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ Paran ɛserɛ so.

4 Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi:

Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;

5 Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat;

6 Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;

7 Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;

8 Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;

9 Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;

10 Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;

11 Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;

12 Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;

13 Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;

14 Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi

15 Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.

16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua.

17 Mose ka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔ atifi fam Negeb bepɔ no so 18 na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte no nso tebea mu wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, wɔdɔɔso anaa wɔsua 19 anaasɛ asase no mu sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ , ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban, 20 asase no asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra." Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane.

21 Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no. 22 Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no. 23 Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ "Eskol" a aseɛ ne "Siaka", ɛfiri , wɔhunuu bobe siaka bebree ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba adekyerɛdeɛ de kɔeɛ. 24 Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa edin "Eskol" a asekyerɛ ne "Siaka", ɛfiri , wɔhunuu bobe no siaka pii . 25 Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ.

26 Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ. 27 Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne , "Yɛduruu asase a wosomaa yɛn yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ. 28 Nanso na nnipa a wɔtete no den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso . 29 Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam."

30 Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran , "Momma yɛmforo nkɔ prɛko na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri , yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim."

31 Akwansrafoɔ no bi kaa , "Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!" 32 Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa , "Akofoɔ bebree asase no so na ɛhɔ nnipa nso ahoɔdenfoɔ, 33 na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. yɛne wɔn gyina a, na yɛayɛ te mmɛbɛ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔn ani soɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também