Pular para o conteúdo
Publicidade

4 Mose (Numeri) 3

Lewifoɔ

1 Ɛberɛ a Awurade kasa kyerɛɛ Mose Sinai Bepɔ so no.

2 Na yeinom ne Aaron ne Mose abusua. Aaron mmammarima edin na ɛdidi soɔ yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. 3 Yeinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi asɔfoɔ. 4 Nadab ne Abihu deɛ, wɔwuwuu Awurade anim ɛberɛ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ ogya a ɛmfata so Sinai ɛserɛ so. Na wɔnni mma enti, Eleasa ne Itamar nko ara na wɔsomm asɔfoɔ, ɛberɛ a wɔn agya Aaron te ase.

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose : 6 "Frɛ Lewifoɔ no, na fa wɔn ma ɔsɔfoɔ Aaron nʼaboafoɔ. 7 Wɔbɛyɛ adwuma Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ama ɔsɔfoɔ Aaron ne nnipa no nyinaa. 8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiaeɛ Ntomadan mu no so, de asi Israelfoɔ no no anan mu ayɛ asodie a wɔyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 9 Fa Lewifoɔ no ma Aaron ne ne mmammarima; wɔn ne Israelfoɔ a wɔde wɔn bɛma no korakora. 10 Ma Aaron ne ne mmammarima no nsom asɔfoɔ; onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛne kronkronbea no, ɛsɛ wɔkum no."

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 12 "Mayi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu de wɔn asi Israel babaa biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifoɔ no me dea, 13 ɛfiri abakan biara me. Ɛberɛ a mekunkum mmakan Misraim no, megyaa Israel mmakan, wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade."

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose Sinai ɛserɛ so , 15 "Kan Lewifoɔ no wɔn mmusua ne afie mu. Kan ɔbarima biara firi deɛ wadi bosome baako so." 16 Enti Mose kanee wɔn sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

17 Yeinom ne Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat ne Merari.

18 Gerson asefoɔ nie:

Libni ne Simei.

19 Kohat asefoɔ:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

20 Merari asefoɔ:

Mahli ne Musi.

Yeinom ne Lewifoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.

21 Gerson asefoɔ no na wɔyɛ mmusua a wɔfiri Libni ne Simei ase.

22 Na Gersonfoɔ mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa a wɔfiri Gerson mmusua mu no dodoɔ mpem ahanson ne ahanum (7,500).

23 Wɔn atenaeɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi atɔeɛ fam.

24 Na Gersonfoɔ no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.

25 Saa mmusuakuo mmienu yi na na wɔhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ne nkataho no ne ɛkwan nsɛnanotam no so. 26 Afei, na wɔhwɛ adihɔ nsɛnanotam a ɛtwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ne afɔrebukyia ne adihɔ nsɛnanotam, nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ no nyinaa so.

27 Kohat asefoɔ mmusua a wɔfiri Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.

28 Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ mpem aha nwɔtwe ne ahansia (8,600).

Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea mu so.

29 Wɔmaa wɔn atenaeɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.

30 Na Kohatfoɔ ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.

31 Saa mmusua ɛnan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɛpono, kaneadua, afɔrebukyia hodoɔ, ne deɛ ɛkeka ho a na wɔde di dwuma kronkronbea , mfimfini ntwamutam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahodoɔ nyinaa no so.

32 Aaron babarima ɔsɔfoɔ Eleasa no na na ɔyɛ ɔpanin Lewifoɔ no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panin asɔfoɔ a wɔhwɛ kronkronbea no so.

33 Na Merari asefoɔ no mmusua a wɔfiri Mahli ne Musi ase.

34 Merarifoɔ mmusua no mu na mmarima a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa dodoɔ mpem nsia ne ahanu (6,200).

35 Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel,

na wɔtenaa Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam.

36 Dwumadie a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuo mmienu yi nsa ne , wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no nnyinasoɔ so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpunan, nsisisoɔ ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma nyinaa. 37 Afei, mpunan a ɛwɔ adihɔ nyinaa ne ne nsisisoɔ, mpɛɛwa, ne ntampehoma nyinaa, wɔbɛhwɛ so.

38 Ahyiaeɛ Ntomadan no apueeɛ fam, deɛ owia pue firi no, wɔgya maa Mose ne Aaron ne ne mmammarima wɔnsisi wɔn ntomadan .

Saa nnipa yi na na wɔsi Israelfoɔ no anan mu di Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwuma nyinaa.

Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn kronkronbea no, wɔbɛkum no.

39 Lewifoɔ a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron wɔnkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ a ɔbarima biara a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa ka ho no dodoɔ mpem aduonu mmienu (22,000).

40 Awurade ka kyerɛɛ Mose , "Kan Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no, na twerɛ wɔn edin. 41 Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade."

42 Enti Mose kanee Israelfoɔ mmakan nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. 43 Mmammarima mmakan a wɔadi bosome ne deɛ ɛboro saa no a ɔtwerɛɛ wɔn edin no ano si mpem aduonu mmienu ahanu ne aduɔson mmiɛnsa (22,273).

44 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 45 "Ma Lewifoɔ nsi Israelfoɔ mmakan ananmu. Na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan ananmu. Lewifoɔ me dea. Mene Awurade. 46 Ansa na mobɛgye Israelfoɔ mmakan ahanu aduɔson mmiɛnsa no a wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no, 47 momma wɔntua tiadeɛ, sɛdeɛ hyiadan mu nnwetɛbena teɛ, a emu duru gram aduonum nson. 48 Fa tiadeɛ sika no ma Aaron ne ne mma."

49 Enti Mose gyegyee Israelfoɔ ahanu aduɔson mmiɛnsa a na wɔboro Lewifoɔ no dodoɔ so no tiadeɛ. 50 Sika a wɔgyegyeeɛ no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa. 51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmammarima sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também