Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 16

Mpata Da

1 Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "wo nua Aaron kɔkɔ , ɔnnkɔ kronkronbea ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ kwa. Ɔkɔ a ɔbɛwu, ɛfiri , mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu.

3 "ɔpɛ ɔkɔ a, deɛ ɛsɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4 Ɛsɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. 5 Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.

6 "Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ. 7 Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 8 na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ wɔsane de no korɔ. 9 Aaron de abirekyie a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔdeɛ no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. 10 Wɔrenkum abirekyie baako a aka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ho dwumadie bi agu ne so na wɔde no akɔ ɛserɛ so akɔgya no mpatadwan.

11 "Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no, 12 ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi. 13 Ɛhɔ na ɔde aduhwam no bɛgu bidie no so Awurade anim na ayi wisie kumɔnn mpata beaeɛ apam ne adaka (a aboɔ apono a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu agu so mu) no so nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenwu. 14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beaeɛ apueeɛ fam na wapete no mprɛnson animu.

15 "Afei, ɛsɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara . 16 Na ɛkyerɛ , wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron , ɛfiri , Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔn mfimfini no. 17 Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kronkronbea rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan obiara bi, gye ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie.

18 "Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho Awurade anim akɔyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no. Ɛsɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyie mogya no fɔre mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no ho, 19 na ɔde ne nsateaa baako pete mogya no mprɛnson gu afɔrebukyia no so de te ho firi Israelfoɔ bɔne no ho no kronkron.

20 "ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann 21 de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so. 22 Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no ɛserɛ so .

23 "Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ ntwamutam no akyi no na wagya no . 24 Ɔbɛkɔ akɔdware baabi a wɔate ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn. 25 Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ afɔrebukyia no so.

26 "Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ bio. 27 Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho. 28 Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ bio.

29 "Yei mmara a ɛwɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ; 30 ɛfiri , ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira mo bɔne ho Awurade anim. 31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ mode home enti ɛsɛ modi ɛda no dinn ahobrɛaseɛ mu. Ɛyɛ mmara a ɛwɔ daa. 32 Saa ahyɛdeɛ yi, awoɔ ntoatoasoɔ akyi, Ɔsɔfopanin a wɔasra no no na ɔbɛsi ne nana Aaron anan adi ho dwuma beaeɛ . Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan ɔhyɛ atadeɛ kronkron nahanaha no 33 na ɔyɛ mpatadeɛ kronkronbea Ahyiaeɛ Ntomadan mu , afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no.

34 "Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu."

Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no nyinaa so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também