Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 6

Bɔne A Ɛsɛ Wɔbɔ Ho Afɔdie Afɔdeɛ

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "obi bɔne tia me, ebia, ɔmpɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko, 3 anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane ho dekodeɛ no nni ne nkyɛn a, 4 obi bɔne na ɔdi ho a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba. 5 Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no. 6 Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ 7 na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no."

8 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 9 "Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye. 10 Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn. 11 Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate no. 12 Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no. 13 Ɛsɛ ɛberɛ biara ogya no so dɛre. Ɛnsɛ ɛdum.

14 " Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama Awurade. 15 Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no afɔrebukyia no so ananmusideɛ ama Awurade; na Awurade ani bɛsɔ. 16 Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ . 17 Si so dua , wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane ne nyinaa bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron. 18 Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no.’ "

19 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 20 "Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ. 21 Wɔde ngo bɛfra ato dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie. 22 Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ wɔnhye ne nyinaa no. 23 Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ wɔdi."

24 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose , 25 "Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho kronkron yie enti ɛsɛ wɔkum no Awurade anim beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no. 26 Ɛsɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ . 27 Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na ɛba aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ wɔsi ntadeɛ no beaeɛ a wɔate ho . 28 Kukuo a wɔnoaa ɛnam no mu no, ɛsɛ wɔbɔ no; na ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie. 29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no biwɔn nko araɛfiri , ɛyɛ kronkron yie. 30 wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi Ahyiaeɛ Ntomadan mu de kɔyɛ mpatadeɛ kronkronbea a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa Awurade anim.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também