Pular para o conteúdo
Publicidade

3 Mose (Lewitikɔs) 10

Nadab Ne Abihu Wuo

1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim. 2 Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn. 3 Mose ka kyerɛɛ Aaron , "Awurade kaa ,

" Mede me ho kronkron bɛkyerɛ

wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa

ahyɛ me animuonyam no,

aseɛ ne no."

Na asɛm no tɔree Aaron mumu.

4 Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi." 5 Na wɔkɔsoaa wɔn wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.

6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar , "Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn yuu mmfa nkyerɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso. 7 Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri , Awurade ngosra mo so." Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so.

8 Afei, Awurade hyɛɛ Aaron , 9 "wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. 10 Wo nnwuma ne , wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam, 11 na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa."

12 Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar , "mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no afɔrebukyia no ho. Monhwɛ mmɔka nni mu ɛfiri ɛyɛ kronkron. 13 Enti monni no kronkronbea . Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ menyɛ. 14 Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu. 15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no."

16 Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no. 17 "Ɔbisaa wɔn , Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no kronkronbea ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn Awurade anim. 18 Esiane wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea no enti, anka mobɛtumi awe no ara sɛdeɛ mehyɛeɛ no.’ "

19 Aaron srɛɛ Mose maa ne mma no , "Ɛnnɛ me mma no bɔɔ wɔn bɔne afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. mewee bɔne afɔdeɛ ɛnam yi bi ɛnnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ anaa?" 20 Na Mose tee saa no, ɔgye too mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também