Mediador
Jesus é o único mediador entre Deus e os homens. Ele é o caminho, a verdade e a vida — ninguém vem ao Pai senão por Ele. Sua intercessão é eterna e perfeita.
O único mediador
Há um só Deus e um só mediador entre Deus e os homens — Cristo Jesus. Ele intercede por nós diante do Pai com autoridade eterna.
Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no.
Yesu buaa sɛ, "Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so."
Afei deɛ, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn deɛ no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛeɛ no ntamgyinafoɔ.
Yei enti na Kristo yɛ apam foforɔ no ntamgyinafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no bɛnya nhyira a ɛnni awieeɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Yei aba saa, ɛfiri sɛ, owuo bi asi a ɛgye nnipa firi wɔn bɔne a wɔyɛɛ ɛberɛ a na wɔwɔ apam a ɛdi ɛkan no mu no.
Intercessão e proteção
Jesus rogou ao Pai que nos guarde do mal. O Espírito intercede por nós com gemidos inexprimíveis, e nada nos separa do amor de Cristo.
Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam.
Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.
Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.
Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn enti, Onyankopɔn maa ɔfaa yɛn bɔne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ teneneefoɔ wɔ Onyankopɔn anim.