Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 8

Sunemni Baa No Sane Ne Kurom

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no , "Wo ne wo fiefoɔ ntu nkɔ baabi foforɔ, ɛfiri , Awurade ahyɛ ɛkɔm mmra Israel mfeɛ nson." 2 Enti, ɔbaa no yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛeɛ no. Ɔfaa ne fiefoɔ kɔtenaa Filistifoɔ asase8.2 Na Filistiman no yɛ asase pa sene Israel mmepɔ mmepɔ so no. Afei na Siria asraafoɔ nhunahuna saa ɔman no. so mfeɛ nson.

3 Ɛkɔm no twaa mu no, ɔsane baa Israel asase so, kɔhunuu ɔhene no ɔregye ne fie ne nʼasase. 4 Ɔbaa mu no, na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no ɔsomfoɔ rekasa. Na ɔhene no rebisa : Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. 5 Saa ɛberɛ no ara na na Gehasi reka nyane a Elisa nyanee abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Ɛberɛ korɔ no ara mu, abarimaa no maame kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no fa nʼabisadeɛ no ho.

Gehasi teaam , "Hwɛ, me wura! Ɔbaa no nie na ne babarima no nso nieɔno na Elisa nyanee no no!"

6 Ɔhene no bisaa ɔbaa no , "Ɛyɛ nokorɛ anaa?" Ɔbaa no buaa ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni nyinaa, wɔde maa no.

Hasael Kum Ben-Hadad

7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no , "Onyankopɔn onipa no aba ," 8 ɛberɛ a ɔhene no tee saa asɛm no, ɔka kyerɛɛ Hasael , "Fa akyɛdeɛ kɔma Onyankopɔn onipa no. Na ka kyerɛ no, na ɔmmisa Awurade , Me ho bɛtɔ me bio anaa?’ "

9 Na Hasael hyehyɛɛ nyoma aduanan so nnepa a ɛfiri Damasko, akyɛdeɛ a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no , "Wo ɔsomfoɔ Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn , memmɛbisa ne ho bɛyɛ no den anaa."

10 Na Elisa ka kyerɛɛ no , "na kɔka kyerɛ no , Wo ho bɛyɛ wo den.Nanso, Awurade ada no adi akyerɛ me , deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔbɛwu." 11 Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ. 12 Hasael bisaa no , "Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa , Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!"

13 Na Hasael buaa , "Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?"

Nanso, Elisa buaa , "Awurade akyerɛ me , wo na wobɛyɛ Aramhene."

14 Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no , "Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?"

Hasael buaa , "Ɔka kyerɛɛ me , deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den." 15 Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu Aramhene.

Yehoram Di Ɔhene Yuda

16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bɛdii Yuda so ɛberɛ a ɔhene Yoram adi adeɛ Israel mfeɛ enum so. Na Yoram Ahab babarima. 17 Ɛberɛ a Yehoram dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu. Ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 18 Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te ɔhene Ahab, ɛfiri , na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne Awurade ani so. 19 Nanso, na Awurade mpɛ ɔsɛe Yuda, ɛfiri , na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ , nʼasefoɔ na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ.

20 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 21 Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no dwaneeɛ. 22 Edom ate Yuda so atua de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ no ara mu na Libna kuro nso sɔre tiaeɛ.

23 Nsɛm a ɛsisii Yehoram ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 24 Ɛberɛ a Yehoram wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Ahasia Di Ɔhene Yuda

25 Yehoram babarima Ahasia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda ɔhene Yoram8.25 Na wɔfrɛ Yoram yere Atalia. Na ɔyɛ Ahab babaa. adedie Israel ne mfeɛ dumienu mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. 26 Ɛberɛ a Ahasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem afe. Ne maame ne Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri nana. 27 Ahasia dii amumuyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fiefoɔ yɛeɛ no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumuyɛsɛm Awurade ani so ɛfiri , wɔbɔɔ ne din bataa awadeɛ a ɔkɔwaree Ahab efieni no ho.

28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael Ramot-Gilead no. 29 Ɛberɛ a wɔpiraa ɔhene Yoram ɔko no mu no, ɔsane baa Yesreel ɔrebɛsa nʼapirakuro no. Ɛberɛ a Yoram no, Yudahene Ahasia kɔsraa no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também