Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 7

1 Elisa buaa , "Tie saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu ."

2 Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no , "Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!"

Na Elisa kaa , "Wobɛhunu ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi."

Akwatafoɔ Ba Atamfoɔ Nsraban Mu

3 Afei, mmarima akwatafoɔ7.3 Akwatafoɔ nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (3 Mose 13.46). baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Adɛn enti na ɛsɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo? 4 yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na yɛsane kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no."

5 Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni . 6 Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam , "Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so." 7 Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.

8 Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.

9 Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho , "Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ."

10 Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni . Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni . 11 Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie no teeɛ.

Israel Wura Nsraban No Mu

12 Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ , "Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no."

13 Mpanimfoɔ no mu baako kaa , "Ɛyɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu."

14 Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no. 15 Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ. 16 Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho no pɛpɛɛpɛ.

17 Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no. 18 Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu."

19 Ɔhene no panin no buaa , "Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!" Na Onyankopɔn onipa no kaa , "Wobɛhunu ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi." 20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twi faa ne so, kumm no ɛpono no ano no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também