Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 9

Wɔsi Yehu Israelhene

1 Na odiyifoɔ Elisa afrɛ adiyifoɔ no mu baako afiri adiyifoɔ kuo no mu. Ɔka kyerɛɛ no , "Siesie wo ho, na Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo mu yi ka wo ho . 2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana no. Frɛ no firi ne nnamfo mu, na fa no piam, 3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no , Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Meresra wo ngo, ama woabɛdi Israel so ɔhene.Afei, bue ɛpono no na dwane, gye wo kra nkwa!"

4 Enti, odiyifoɔ kumaa no yɛɛ deɛ wɔka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Ramot-Gilead. 5 Ɔduruu no, ɔhunuu Yehu ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa , "Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo."

Yehu bisaa , "Yɛn mu hwan?"

Ɔbuaa , "Wo a woyɛ ɔsahene no."

6 Enti, Yehu gyaa wɔn a aka no , kɔɔ efie. Na odiyifoɔ kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kaa , "Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Mesra wo ngo , di Awurade nkurɔfoɔ Israelfoɔ so ɔhene. 7 Ɛsɛ wosɛe Ahab, wo wura, no fie. Saa ɛkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifoɔ a wɔkunkumm wɔn ne Awurade asomfoɔ no nyinaa a Isebel kunkumm wɔn no so ka. 8 Ɛsɛ wɔpepa Ahab fiefoɔ nyinaa firi ɔbarima biara, ɔsomfoɔ ne deɛ ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. 9 Mɛsɛe Ahab fie, sɛdeɛ mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afie no. 10 Na nkraman bɛwe Isebel ɛnam Yesreel asase so, na obiara rensie no." Afei, odiyifoɔ kumaa no buee ɛpono no, tuu mmirika dwaneeɛ.

11 Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no , "Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara anaa?" Yehu buaa , "Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa."

12 Wɔn nyinaa kaa , "Woboa. Ka nokorɛ." Enti, Yehu kaa , odiyifoɔ no ayi akyerɛ no Awurade asra no ngo ɔmmɛdi Israel so ɔhene.

13 Wɔde wɔn ntadeɛ sesɛɛ ntwedeɛ no so ntɛm ara, hyɛnee totorobɛnto, teateaam , "Yehu ɔhene."

Yehu Kum Yoram Ne Ahasia

14 Enti, Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nana pam ɔhene Yoram tiri so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ akodɔm Ramot-Gilead a na wɔgyina de tia Aramhene Hasael akodɔm. 15 Nanso, na wɔapira Yoram ɔko no mu, ama wasane aba Yesreel ɔrebɛsa ne ho yadeɛ. Enti, Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no , "Esiane mopɛ medi ɔhene no enti, mma obiara nnwane nkɔ Yesreel nkɔka deɛ yɛayɛ ." 16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da no. Na Yudahene Ahasia nso bi.

17 Ɔwɛmfoɔ a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no hunuu Yehu ne ne nkurɔfoɔ wɔreba enti, ɔteaam guu Yoram so , "Mehunu akodɔm reba. Soma ɔpɔnkɔkafoɔ bi, na ɔnkɔhwɛ wɔreba no asomdwoeɛ so anaa." Ɔhene Yoram nso teaam.

18 Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no , "Ɔhene ɔhunu moreba no asomdwoeɛ so anaa."

Yehu buaa , "Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Ma mensene!"

Ɔwɛmfoɔ no frɛɛ ɔhene , "Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔmma."

19 Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa , "Ɔhene ɔhunu moreba no asomdwoeɛ so anaa." Bio, Yehu bisaa , "Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!"

20 Ɔwɛmfoɔ no teaam , "Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no."

21 Ɔhene Yoram hyɛɛ , "Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me." Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. 22 Ɔhene Yoram bisaa , "Wobaa no asomdwoeɛ so anaa, Yehu?"

Yehu buaa , "Mpɛn dodoɔ a wo maame Isebel abosom ne ne bayie atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoeɛ so?"

23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no ahoma, de danee ɔpɔnkɔ no ani, dwaneeɛ a ɔreteateam , "Ɔmammɔfoɔ Ahasia!"

24 Na Yehu twee nʼagyan to wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwiree nʼakoma mu, ma ɔbu hwee ne teaseɛnam no mu, wuiɛ. 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar , "To no twene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae ɛberɛ a na yɛtete nteaseɛnam mu di nʼagya Ahab akyi no? Awurade kaa , 26 Meka ntam di nse , mɛtua no so ka Nabot agyapadeɛ yi mu. ɔkum Nabot ne ne mmammarima nnora a mehunuu no enti, mɛtua no ka. Enti, to no twene Nabot asase yi so.’ "

27 Ɛberɛ a Yudahene Ahasia hunuu asɛm a asi no, ɔdwane kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teateaam , "Monkum ɔno nso bi." Enti, wɔtoo Ahasia agyan ne teaseɛnam mu Gur aforoeɛ a ɛbɛn Yibleam. Ɔtumi kɔeɛ ara kɔduruu Megido, na ɔwuu . 28 Ne mpanimfoɔ de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem, kɔsiee no ne mpanimfoɔ ho Dawid kurom. 29 Na Ahasia dii adeɛ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi adeɛ mfeɛ dubaako.

Isebel Owuo

30 Ɛberɛ a ɔhemmaa Isebel tee Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛɛ mpomma mu. 31 Ɛberɛ a Yehu wuraa ahemfie ɛpono no mu no, ɔhemmaa no teaam guu ne so , "Owudifoɔ, wobaa no asomdwoeɛ so anaa? Wote Simri a ɔkumm ne wura no."

32 Yehu pagyaa nʼani hunuu no mpomma no mu teaam , "Hwan na ɔwɔ mʼafa!" Na apiafoɔ baanu anaa baasa hwɛɛ no. 33 Yehu teaam , "Monto no ntwene fam." Enti, wɔtoo no firii mpomma no mu, maa ne mogya bi petee ɔfasuo no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so.

34 Na Yehu kɔɔ ahemfie kɔdidi, nomeeɛ. Akyire yi, ɔkaa , "Monkɔ nkɔsie ɔbaa a wɔadome no yi, ɛfiri , ɔyɛ ɔhene babaa." 35 Nanso, wɔkɔɔ wɔrekɔsie no no, ne tikwankoraa, ne nan ne ne nsa nko ara na wɔhunuiɛ.

36 Ɛberɛ a wɔbɛbɔɔ Yehu amaneɛ no, ɔkaa , "Yei hyɛ asɛm a Awurade nam ne ɔsomfoɔ Tisbini Elia so kaeɛ no ma , Asase tam bi a ɛda Yesreel no so na nkraman bɛwe Isebel ɛnam. 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te wura Yesreel haban mu a ne saa enti, obiara ntumi nhunu no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também