Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 2

Wɔfa Elia Ɔsoro

1 Ɛberɛ a Awurade pɛɛ ɔnam ahum so fa Elia ɔsoro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal ɛkwan so. 2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa , "Tena ha na Awurade aka akyerɛ me , menkɔ Bet-El." Na Elisa buaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da." Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El.

3 Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no , "Na wonim Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?"

Elisa buaa , "Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara."

4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa , "Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me , menkɔ Yeriko."

Nanso, Elisa buaa bio , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da." Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko.

5 Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no , "Na wonim Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?"

Ɔbuaa bio , "Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara."

6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa , "Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me , menkɔ Asubɔnten Yordan ho."

Nanso, Elisa buaa bio , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo." Enti wɔtoaa so kɔeɛ.

7 Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho . 8 Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ.

9 Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa , "Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?"

Na Elisa buaa , "Mesrɛ wo, ma mennya wo honhom tumi no mmɔho."

10 Elia kaa , "Woabisa adeɛ a ne den. Na wohunu wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisadeɛ no. Na amma saa deɛ a, wo nsa renka."

11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko , ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12 Elisa hunuiɛ, teaam , "Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!" Na wɔyeraeɛ no, Elisa suanee nʼatadeɛ mu mmienu.

13 Na Elisa faa Elia atadeɛ ngugusoɔ a ɛfirii ne ho guiɛ no, na ɔsane kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14 Ɔde atadeɛ ngugusoɔ no bɔɔ nsuo no ani teaam , "Awurade, Elia Onyankopɔn he?" Ɛhɔ ara nsuo no mu paee mmienu maa Elisa faa mu.

15 Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam , "Elisa abɛdi Elia adeɛ!" Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no. 16 Wɔkaa , "Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu."

Elisa kaa , "Dabi, monnsoma wɔn." 17 Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii , ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa , "Ɛyɛ, monsoma wɔn." Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia. 18 Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so Yeriko. Ɔbisaa wɔn , "Manka ankyerɛ mo monnkɔ?"

Elisa Nsɛnkyerɛnneɛ A Ɛdi Ɛkan

19 Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no , "Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia , sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ."

20 Elisa kaa , "momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu." Na wɔde baeɛ.

21 Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa , "Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ." 22 Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.

23 Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho , seree no , "Tipa, foro ɛ! Tipa, foro ɛ!" 24 Elisa danee ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisire mmienu pue firii wiram, bɛkunkum wɔn mu aduanan mmienu. 25 Elisa firii no, ɔkɔɔ bepɔ Karmel so, na ɔfirii kɔɔ Samaria.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também