Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 14

Amasia Di Ɔhene Yuda

1 Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ Israel mfeɛ mmienu. 2 Amasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduonu nkron. Na wɔfrɛ ne maame Yehoadin a ɔfiri Yerusalem. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Awurade ani so, nanso anto deɛ nʼagya Dawid yɛeɛ. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛsoɔ so. 4 Amasia ansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔdeɛ, kɔhye nnuhwam no.

5 Ɛberɛ a Amasia ase timiiɛ ɔhene no, ɔkunkumm mpanimfoɔ a wɔkumm nʼagya no nyinaa. 6 Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no : Mma wɔnkunkum agyanom wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ obiara wu ne bɔne ho.

7 Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela14.7 Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn. so nkonim, na ɔtoo edin Yokteel, edin a wɔde frɛ de bɛsi ɛnnɛ no.

8 Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim , "Bɛhyia me ma yɛnko."

9 Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia , "Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no. 10 Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?"

11 Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. 12 Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa Yuda akodɔm no hweteeɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom. 13 Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakodɔm no ma wɔdwirii Yerusalem ɔfasuo no, firi Efraim Ɛpono no de kɔsii Twɛtwɛwaso Ɛpono no, a ne tenten bɛyɛ anammɔn ahansia no. 14 Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinneɛ nyinaa firii Awurade asɔredan mu ne ahemfie akoradan mu . Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsane kɔɔ Samaria.

15 Yoas ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔsiiɛ ne ako a ɔne Yudahene Amasia diiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 16 Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

17 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum. 18 Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 19 Wɔpam Amasia tiri so Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no . 20 Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn Dawid kurom.

21 Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene. 22 Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda.

Yeroboam A Ɔtɔ So Mmienu Di Ɔhene Israel

23 Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene Israel. Ɔdii adeɛ Samaria mfirinhyia aduanan baako. 24 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam ma Israelfoɔ kɔɔ mu no ho. 25 Yeroboam a ɔtɔ so mmienu gyegyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Ɛpo no ntam no sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer so, hyɛɛ ho no.

26 Awurade hunuu sɛdeɛ obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. 27 Esiane Awurade nkaa ɔbɛpepa Israel din koraa no enti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.

28 Yeroboam a ɔtɔ so mmienu ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, deɛ ne tumi ano kɔsiiɛ, nʼakodie ne nsase a ɔgyegye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 29 Ɛberɛ a Yeroboam wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também