Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 21

Manase Di Ɔhene Yuda

1 Ɛberɛ a Manase dii ɔhene no, na wadi mfeɛ dumienu, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonum enum. Na ne maame din de Hefsiba. 2 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no. 3 Ɔsane sisii abosonsomfoɔ abosonnan a nʼagya Hesekia bubu guiɛ no. Ɔyɛɛ afɔrebukyia pii maa Baal, ɛnna ɔsii Asera dua, sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ ara . Afei, ɔkoto sɔree ewiem atumfoɔ. 4 Na mpo, ɔsisii abosom afɔrebukyia pii Awurade asɔredan mu; baabi a Awurade aka wɔnhyɛ ne din animuonyam no. 5 Ɔsisii saa afɔrebukyia no Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu . 6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔdeɛ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, abisa. Ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ so. Ɔyɛɛ bɔne bebree Awurade ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuo.

7 Manase faa Asera dua a wayɛ no, de kɔsii asɔredan mu, beaeɛ korɔ no ara a Awurade ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo , "Wɔbɛhyɛ me din animuonyam ha daa nyinaa saa asɔredan yi mu Yerusalem. Yerusalem kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo a aka no nyinaa mu. 8 Na Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so." 9 Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo.

10 Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa , 11 "Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ21.11 Edin Amorifoɔ no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan ansa na Israelfoɔ redi wɔn so. a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu. 12 Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn. 13 Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no. 14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfoɔ kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ asadeɛ. 15 Ɛfiri , wɔayɛ bɔne kɛseɛ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuo, firi ɛberɛ a wɔn agyanom firii Misraim no."

16 Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii , mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.

17 Manase ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 18 Manase wuiɛ no, wɔsiee no ahemfie no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na ɔdii nʼadeɛ ɔhene.

Amon Di Adeɛ Yuda

19 Amon dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene Yerusalem mfeɛ mmienu. Na wɔfrɛ ne maame Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yolba no babaa. 20 Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no ara . 21 Ɔfaa nʼagya nhwɛsoɔ so, somm ahoni korɔ no ara a na nʼagya somm wɔn no. 22 Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ ɔbɛfa Awurade akwan so.

23 Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho , kumm no nʼahemfie. 24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ ɔhene.

25 Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 26 Wɔsiee no ne boda a ɛwɔ Usa turo mu no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ ɔhene.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também