Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 13

Yehoahas Di Ɔhene Israel

1 Ɛberɛ a Yehu babarima Yehoahas hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Israel no, na ɔhene Yoas nso adi adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa Yuda. Ɔdii adeɛ mfeɛ dunson Samaria. 2 Nanso, ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Ɔdii Nebat babarima Yeroboam nhwɛsoɔ akyi, toaa ahonisom a ɔdii Israelfoɔ no anim yɛeɛ no so. 3 Enti, Awurade bo fuu Israelfoɔ, na ɔmaa ɔhene Hasael a ɔfiri Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wɔdii wɔn so mfeɛ bebree.

4 Na Yehoahas bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ne mmoa. Awurade tiee ne mpaeɛbɔ. Na Awurade hunuu nhyɛsotrasoɔ a Aramhene de maa Israelfoɔ no. 5 Awurade yii ɔgyefoɔ bi ma ɔbɛgyee Israelfoɔ no firii Aramfoɔ nhyɛsotrasoɔ no ase. Na Israelfoɔ no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛdeɛ na wɔte kane no. 6 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wɔdii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wɔsii Asera afɔrebukyia Samaria.

7 Ne korakora ne , Yehoahas akodɔm no so te bɛyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ aduonum, nteaseɛnam edu ne anammɔntwa asraafoɔ ɔpedu. Na Aramhene akunkum nkaeɛ no, te deɛ wɔyɛ mfuturo ne nan ase.

8 Yehoahas ahennie mu nneɛma a ɛsisiiɛ, dwuma a ɔdiiɛ ne deɛ ne tumidie kɔsooɛ nyinaa, wɔatwerɛ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 9 Ɛberɛ a Yehoahas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yehoas13.9 Ɔdii adeɛ wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu yɛ Yoas dii nʼadeɛ ɔhene.

Yehoas Di Ɔhene Israel

10 Yehoahas babarima Yehoas hyɛɛ aseɛ dii Israel so ɛberɛ a na ɔhene Yoas adi adeɛ Yuda ne mfeɛ aduasa nson so. Ɔdii adeɛ Samaria mfeɛ dunsia. 11 Na ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛeɛ no ho. 12 Yehoas dwuma a ɔdiiɛ no nkaeɛ nʼahennie mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔatwerɛ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma mu. 13 Ɛberɛ a Yehoas wuiɛ no, wɔsiee no Samaria ne mpanimfoɔ nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu dii nʼadeɛ ɔhene.

Elisa Nkɔmhyɛ A Ɛtwa Toɔ

14 Ɛberɛ a yarewuo bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na ɔsuu no , "Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafoɔ!"

15 Elisa ka kyerɛɛ no , "Hwehwɛ tadua ne bɛmma." Na ɔhene no yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no. 16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so.

17 Afei, ɔhyɛɛ , "Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no." Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa , "To!" Na ɔtoeɛ.

Na Elisa kaa , "Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri , wobɛdi Aramfoɔ so pasaa Afek. 18 Afei, tase bɛmma a aka no na toto wowɔ fam." Enti, ɔhene no taseeɛ, na ɔtoto wowɔɔ fam mprɛnsa. 19 Nanso, Onyankopɔn onipa no bo fuu no, kaa , "Anka ɛsɛ wototo sisi fam mpɛn enum anaa nsia. Ɛno ansa a na anka wobɛdi Aram so, kɔsi wobɛtɔre wɔn ase. Enti, wobɛdi nkonim mprɛnsa."

20 Elisa wuiɛ, na wɔsiee no. Na Moabfoɔ afomfafoɔ kɔfom asase no so nneɛma afe biara. 21 Ɛberɛ bi a Israelfoɔ resie obi no, wɔhunuu afomfafoɔ bi. Ɛno enti, wɔyɛɛ no ntɛm too amu no twenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara na owufoɔ no nyaneeɛ, huri gyinaa ne nan so!

22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfoɔ so ɛberɛ a Ɔhene Yehoahas dii adeɛ no nyinaa. 23 Nanso, Awurade hunuu Israelfoɔ mmɔbɔ enti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no enti, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ. Na ɛbɛsi ɛnnɛ, ɔntɔree wɔn ase, na ɔmpamoo wɔn mfirii nʼanim.

24 Afei, Aramhene Hasael wuiɛ, na ne babarima Ben-Hadad bɛdii nʼadeɛ ɔhene. 25 Na Yehoahas babarima Yehoas sane kɔgyegyee nkuro a Hasael gyegye firii nʼagya Yehoahas nsam. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyegyee Israel nkuro no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também