Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 5

Naaman Ayaresa

1 Na Aramhene5.1 Na ɔhene no din de Ben-Hadad II. bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri , ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom na Naaman ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata.

2 Afei, na Aram akofoɔ adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaayewa no maa Naaman yere nʼabaawa. 3 Ɛda bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa , "me wura kɔhunu odiyifoɔ no Samaria a, anka mɛpɛ. Anka ɔbɛsa no yadeɛ ama kwata no afiri ne honam ani."

4 Enti, Naaman kaa asɛm a abaawa a ɔfiri Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. 5 Ɔhene5.5 Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram. no ka kyerɛɛ no , ", na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene." Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu. 6 Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne , "Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani."

7 Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa , "Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio."

8 Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no , "Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu , odiyifoɔ papa bi Israel." 9 Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn Elisa fie ɛpono ano. 10 Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no , "Kɔhohoro wo ho mprɛnson Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ."

11 Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa , "Na menim , deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ. 12 Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho mu, na mennya ayaresa?" Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu.

13 Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no , "Owura, odiyifoɔ no kaa adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so." 14 Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no ɔnyɛ no. Ne honam ani daa te abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ.

15 Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa , "Afei na mahunu Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo , gye mʼakyɛdeɛ yi."

16 Nanso, Elisa buaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara." Ɛwom Naaman hyɛɛ no biara ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.

17 Afei, Naaman kaa , "Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. 18 Na mesrɛ , Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me."

19 Elisa kaa , "asomdwoeɛ mu." Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.

Gehasi Anibereɛ

20 Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa ne tirim , "Anka ɛnsɛ me wura ma Aramni yi a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn."

21 Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no , "Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?"

22 Gehasi buaa , "Aane, nanso me wura asoma me memmɛka nkyerɛ wo , mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn."

23 Naaman kaa , "Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi." Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi. 24 Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu.

25 Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no , "Gehasi, wokɔɔ he?"

Ɔbuaa , "Menkɔɔ baabiara."

26 Nanso, Elisa bisaa no , "Woanhunu ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ? 27 Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ." Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sukyerɛmma.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também