Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 22

Yosia Di Ɔhene Yuda

1 Ɛberɛ a Yosia dii ɔhene Yuda no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ aduasa baako. Na ne maame din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat no babaa. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔfaa ne tete agya Dawid nhwɛsoɔ. Wammane ankɔ nifa anaa benkum.

3 Ɔhene Yosia dii mfirinhyia dunwɔtwe nʼahennie mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asɛnniiɛ twerɛfoɔ Mesulam nana, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no , 4 "ɔsɔfopanin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a apono anohwɛfoɔ no agyegye afiri nnipa no nkyɛn Awurade Asɔredan mu no. 5 Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn wɔnhwɛ asɔredan no ho nsiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfoɔ a wɔbɛsiesie Awurade Asɔredan no ho ka. 6 Ɛho bɛhia wɔbɛfa nnua adwumfoɔ, adansifoɔ ne abohyehyɛfoɔ. Afei, ma wɔntɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa a wɔde bɛsiesie asɔredan no. 7 Nanso, ɛho nhia adansie no sohwɛfoɔ bɛbu sika a wɔn nsa bɛka no ho nkonta, ɛfiri , wɔyɛ nokwafoɔ."

Helkia Kɔhunu Onyankopɔn Mmara No

8 Ɔsɔfopanin Hilkia ka kyerɛɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan , "Mahunu Mmara Nwoma no Awurade Asɔredan mu ." Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan, na ɔkenkaneeɛ. 9 Safan sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa , "Wo mpanimfoɔ no de sika a wɔgyegyee Awurade asɔredan no mu no ama adwumayɛfoɔ no ne sohwɛfoɔ a wɔwɔ asɔredan no ho no." 10 Safan sane ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma mmobɔeɛ bi ama me." Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.

11 Ɛberɛ a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nwoma no mu no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu. 12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asɛnniiɛ twerɛfoɔ Safan ne ɔhene fotufoɔ Asaia , 13 "Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri , yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka yɛnyɛ no na yɛyɛ."

14 Enti, ɔsɔfoɔ Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforɔ Misne kɔhunuu odiyifoɔ Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntadeɛ adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nana. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "Awurade, Israel Onyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no , 16 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛdeɛ matwerɛ nwoma mmobɔeɛ a mokenkaneɛ no mu no. 17 Ɛfiri , me nkurɔfoɔ agya me, na wɔsom anyame huhuo, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuo. Mʼabufuhyeɛ redɛre ha, na ɛrennum.18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔhwehwɛ Awurade, na monka nkyerɛ no , Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn ka fa asɛm a woate no seesei no ho. 19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no , wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo ya, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometeɛ sunsuanee wo ntadeɛ mu, suu mʼanim ahonu mu. Enti, nokorɛm, Awurade se, mate wo sufrɛ. 20 Amanehunu a mehyɛɛ ho de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ "

Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também