Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Ahemfo 18

Hesekia Di Ɔhene Yuda

1 Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene Israel mfeɛ mmiɛnsa. 2 Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi. 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛfata Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no. 4 Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri , na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan.

5 Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Onyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni a ɔte no Yuda asase so. 6 Biribiara mu, ɔdii Awurade nokorɛ, na ɔde ntoboaseɛ dii ahyɛdeɛ a Awurade de maa Mose no nyinaa so. 7 Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no. 8 Afei, ɔkɔdii Filistifoɔ so nkonim, de kɔsii Gasa ne nʼahyeɛ so, firi ne nkuraaseɛ, de kɔsii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasuo atwa ho no.

9 Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso nʼahennie Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ. 10 Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ. 11 Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so Halah Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu. 12 Ɛfiri , wɔantie Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Wɔbuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.

Asiria Tuu Yuda So Sa

13 Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. 14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene Lakis , "Mayɛ mfomsoɔ. wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua." Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako. 15 Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no Awurade Asɔredan no mu ne deɛ ɛwɔ ahemfie adekoraeɛ nyinaa maeɛ. 16 Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura Awurade asɔredan no apono ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.

17 Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu duru, kɔɔ Hesekia18.17 Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tuiɛ no ma wɔnyaa nsuo firii Asubɔnten Gihon mu. so Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde baabi a wɔpa ntoma ani no ho. 18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ.

Senaherib Hunahuna Yerusalem

19 Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn , "Monka nkyerɛ Hesekia ,

" Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa? 20 Wogye di wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria? 21 Misraim anaa? wotwere Misraim a, wobɛhunu , ɛte abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora. 22 Ebia, wobɛka , "Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!" Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ wɔnsom afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so?

23 " Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. 24 Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so. 25 Deɛ ɛka ho ne , wogye di yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn , na kɔsɛe no!’ "

26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no , "Kasa Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte."

27 Na ɔsahene no buaa , "Me wura obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ wɔte , moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi , wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ."

28 Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so , "Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn! 29 Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase. 30 Mommma ɔnnaadaa mo , momfa mo ho nto Awurade so, nnka , Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.

31 "Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu. 32 Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so . Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so . Mompere nkwa, na monyi owuo akwa!

"Mommma Hesekia nnaadaa mo nka , Awurade bɛgye yɛn!33 Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da? 34 Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa? 35 Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene Awurade bɛtumi agye Yerusalem?"

36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri , na Hesekia aka akyerɛ wɔn wɔnnkasa.

37 Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também