Pular para o conteúdo
Publicidade

Milagres de Jesus

Por Bíblia Online

Os Evangelhos registram dezenas de milagres realizados por Jesus — curas, ressurreições, domínio sobre a natureza e libertações. Cada milagre revelava sua divindade e compaixão.

Curas de cegos e surdos

Jesus devolveu a visão aos cegos e a audição aos surdos, manifestando seu poder sobre toda enfermidade e deficiência.

Anifuraefo Baanu Bi Ayaresa

Yesu fi nea onyan ababaa no rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, "Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!"

Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, "Mugye di metumi ama moahu ade?"

Wobuaa no se, "Yiw, Awurade, yegye di!"

Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, "Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!" Amono mu ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, "Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara." Nanso nnipa no fii na wɔbɔɔ asɛm no dawuru.

Anifuraefo Baanu Hu Ade

Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, "Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!"

Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, "Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!"

Yesu duu nea wɔtete no, ogyina bisaa wɔn se, "Dɛn na mopɛ meyɛ ma mo?"

Wɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, yɛpɛ yehu ade!"

Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko wohuu ade, na wodii nʼakyi.

Onifuraefo Bi Ayaresa Betsaida

Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare. Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, "Wuhu ade ana?"

Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, "Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn nnua bi na wɔnenam ."

Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann. Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, "Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio."

Mumu Ɔsotifo Bi Ayaresa

Yesu fi Tiro no, ɔfaa Sidon mansin a emu nkurow du no so beduu Galilea Po so. Wɔde ɔsotifo bi a ɔsan mum brɛɛ no. Wɔn a wɔwɔ no nyinaa srɛɛ Yesu , ɔmfa ne nsa nka ɔyarefo no, na ɔnsa no yare.

Yesu soo ne mu de no fii nnipakuw no mu. Afei ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasu de kaa ne tɛkrɛma. Ɔhwɛɛ ɔsoro, guu ahome teɛɛ mu se, "Hefata!" Ase ne, "bue!" Amono mu ara, ɔbarima no aso buei, ne tɛkrɛma sanee, na ofii ase kasae.

Yesu bɔɔ nnipakuw no ano se, wɔmmmɔ asɛm no dawuru nkyerɛ obiara. Nanso mpɛn dodow a ɔbraa wɔn no, na trɛw ara na wɔn nso wɔretrɛw asɛm no mu. Saa asɛm yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Enti wɔkae se, "Yesu ayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo mpo te asɛm, na mum nso kasa!"

Onifuraefo Bi Adehu

Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne "Timoteo ba" no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade. Bere a Bartimeo tee Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, "Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!"

Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, "Mua wʼano!" Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, "Dawid ba, hu me mmɔbɔ!"

Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, "Momfrɛ no mma me."

Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, "Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!" Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.

Yesu bisaa no se, "Dɛn na wopɛ meyɛ ma wo?"

Onifuraefo no buae se, "Kyerɛkyerɛfo, mepɛ mihu ade!"

Yesu ka kyerɛɛ no se, ", na wo gyidi agye wo." Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.

Onifuraefo Bi Ayaresa

Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. Onifuraefo no tee nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi. Wɔka kyerɛɛ no se, "Yesu Nasareni no na ɔretwam!"

Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, "Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!"

Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, "Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!"

Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, "Dɛn na wopɛ meyɛ ma wo?"

Onifuraefo no buae se, "Awurade, ma minhu ade."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den." Amono mu ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Yesu Sa Onifuraefo Bi Yare

Yesu nam no, ohuu aberante bi a wɔwoo no onifuraefo, Nʼasuafo no bisaa no se, "Kyerɛkyerɛfo, hena na ɔyɛɛ bɔne, saa onifuraefo yi awofo anaa ɔno ankasa, nti na ɛma wɔwoo no onifuraefo yi?"

Yesu buae se, "Ɛnyɛ nʼawofo anaa nʼankasa bɔne nti na nʼani afura. Na mmom nʼani afura sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn tumi bɛyɛ ne ho adwuma. Esiane adesae nkyɛ ba no nti ɛsɛ yɛyɛ nea ɔsomaa me no adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. ade sa a obiara ntumi nyɛ adwuma. Bere a mewɔ wiase yi de, mene wiase hann no."

Ɔkaa saa no ɔtee ntasu guu fam de fɔtɔw dɔte na ɔde dɔte no sraa onifuraefo no ani so. Na ɔka kyerɛɛ no se, "ɔtare Siloa no mu, na kɔhohoro wʼanim." Onifuraefo yi kɔhohoroo nʼanim san bae a, afei de ohu ade.

Curas de paralíticos e enfermos

Paralíticos caminharam, leprosos ficaram limpos e todo tipo de doença foi curada pelo toque e pela palavra de Jesus.

Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, "Me wura, mesrɛ wo, ɛyɛ wo a, sa me yare."

Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, "Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!" Amono mu ara, kwata no fii ne ho. Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na afɔre a Mose hyɛɛ wɔmmɔ adansede no."

Oduu no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, "Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo."

Ɛhɔ ara na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ no bi teɛɛ mu se, "Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ ɔyɛ Onyankopɔn!"

Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, "Adɛn nti na modwene bɔne mo koma mu saa? Me Onipa Ba no, mewɔ tumi asase yi so mede bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, obi bɛka se, Mede wo bɔne akyɛ woanaasɛ ɔbɛka se, Sɔre na nantew?’ " Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ nti. Ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, "Sɔre na bobɔw wo kɛtɛ, na fie efisɛ masa wo yare." Amono mu ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ, sii mu kɔɔ ne fi!

Ohuu ɔbarima bi ɔdan mu a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, "Enti mmara ma ho kwan obi sa yare Homeda ana?" Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!

Yesu buaa wɔn se, "Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no. Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan wɔyɛ papa Homeda."

Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, "Teɛ wo nsa!" Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ baako no.

Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. Yesu kɔɔ faako a ɔda kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.

Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yare

Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no , "ɛyɛ wo a, wubetumi ama me ho afi."

Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, "Mepɛ! Wo ho mfi!" Amono mu ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!

Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa . Esiane na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu mu no, kotuu tokuru atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim. Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!"

Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔn tirim se, "Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ."

Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, "Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo? Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, Wɔde wo bɔne akyɛ wo,anaa wɔbɛka se, Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew? Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi asase so ɔde bɔne kyɛ," Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, "Mise wo , sɔre gyina , fa wo kɛtɛ, na fie." Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, "Yenhuu eyi bi da!"

Yesu Sa Yare Homeda

Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Oduu no, ohuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu. Na saa da no Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim , ɔsa no yare a wɔbɛkyere no! Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no se ommegyina nnipa no anim.

Ɔdan ne ho kyerɛɛ nʼatamfo no bisaa wɔn se, "Eye obi papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ da a wɔde bɔne? Ɛyɛ da a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no" Nanso wɔammua no.

Ɔde abufuw hwɛɛ wɔn hyiae. Ɛhaw no wonni ahummɔbɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Teɛ wo nsa no mu." Ɔteɛɛ mu na amono mu ara, ne nsa no yɛɛ yiye.

Ɔkwatani Bi Ayaresa

Da bi a Yesu kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no , "Owura, mesrɛ wo, ɛyɛ wo a, sa me yare."

Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, "Yiw, ɛyɛ me . Wo ho mfi." Amono mu ara, ne ho fii.

Mmarima bi baa a wɔso obubuafo bi. Esiane na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.

Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, "Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo."

Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?"

Esiane Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, "Adɛn nti na modwene asɛm a mekae yi abususɛm?" Yesu bisaa wɔn se, "Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew? Na ɛbɛyɛ na mubehu Onipa Ba no tumi ɔde bɔne kyɛ asase so nti." Mereka akyerɛ wo se, "Sɔre yi wo kɛtɛ na fie!" Amono mu ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.

Homeda foforo bi nso a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, na ɔbarima bi a ne nsa nifa awu nso bi. Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne Farisifo no hwɛɛ Yesu komm ɔbɛsa onipa yi yare Homeda yi nso ana. Nea na wɔrehwehwɛ ara ne obebu mmara no so asa yare na wɔn nsa aka no akyere no. Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo." Ɔbarima no sɔre begyinaa .

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Merebisa mo. Dɛn na mmara no ma ho kwan yɛnyɛ no Homeda; yɛbɛyɛ papa anaa yɛbɛyɛ bɔne, yebegye obi nkwa anaasɛ yɛbɛma wawu?"

Yesu hwɛɛ wɔn nyinaa hyiae na ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Teɛ wo nsa." Na ɔteɛɛ ne nsa no, emu yɛɛ den baako no.

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi

Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum. Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu. Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no. Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no , ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa. Wɔkae se, "Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn." Yesu ne wɔn sii mu.

Wɔreyɛ adu fie no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi , wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, "Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ woba me fi. Saa ara na memfata meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, Braa, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo , eyia, ɔyɛ."

Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, "Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi saa ɔbarima yi Israelman nyinaa mu da." Bere a abɔfo no san koduu fie no, wohuu ɔsomfo no ho ayɛ no den.

na ɔbea bi a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa. Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbea, wo ho nyɛ wo den." Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.

Yesu Farisini Bi Fi

Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ. Na ɔbarima bi a ɔyare ahonhon. Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ no se, "Mmara ma ho kwan wɔsa yare homeda ana?" Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.

Akwatafo Du No Ayaresa

Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so. Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no teɛteɛɛ mu se, "Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!"

Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!" Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.

Wɔn mu baako huu ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, "Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!" Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi Samariani.

Yesu bisae se, "Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no he? Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?" Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre , wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den."

Ɔtare Bi Ho Ayaresa

Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. Na ɔtare bi kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. Saa pata yi ase na na ayarefo pii , anifuraefo, mpakye ne mmubuafo retwɛn Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. Nea ɛte ne , ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. Yesu huu wayare ada akyɛ no, obisaa no se, "Wopɛ wo ho wo ana?"

Ɔyarefo no buaa no se, "Me wura, ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden merekɔ mu no, obi di me kan."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na fie." Amono mu ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee.

Na saa da no homeda.

Yesu Sa Abofra Bi Yare

Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa no bio. Yesu no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare Kapernaum no tee ne nka ofi Yudea aba Galilea . Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.

Yesu kae se, "Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?"

Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, "Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "fie na wo ba no ho ayɛ no den!"

Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu ɔrekɔ fie. Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no. Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, "Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?" Asomfo no buaa no se, "Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee."

Ɔbarima no tee asɛm no na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, "fie na wo ba no ho atɔ no" no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.

Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.

A mulher com fluxo de sangue

Uma mulher que sofria há doze anos tocou a orla do manto de Jesus e foi curada instantaneamente pela sua fé.

Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano. Ɔkaa ne tirim se, "mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den."

Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo." Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.

Na ɔbea bi a watu mogya mfe dumien ka nnipakuw no ho. Ɔde ne yare no akyin ayaresafo bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara. Na wate anwonwade a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno nti ɔde ne ho fraa nnipakuw no, de ne nsa besoo Yesu atade mu no. Ɔdwenee ho kae se, "mitumi nya ne ho kwan, de me nsa so nʼatade mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me." Ampa ara, so a osoo nʼatade no mu na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no.

Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no, fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu ara na mogya a etu no no twae.

Yesu bisae se, "Hena na osoo mʼatade ano no no?"

Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, "Awurade, na nnipa no akyere wo so."

Yesu buaa no se, "Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka tumi bi afi me mu."

Ɔbea no huu ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no. Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe ."

Ressurreições

Jesus ressuscitou mortos — a filha de Jairo, o filho da viúva de Naim e Lázaro. Ele é Senhor sobre a morte.

Ɔbea Bi Ayaresa Ne Ababaa Bi Wunyan

Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, "Me babea awu mprempren ara. Minim , woba de wo nsa bɛka no a, obenyan." Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu wɔrekɔ ɔpanyin no fi.

Yesu duu ɔpanyin no fi a ohuu nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no, ɔkae se, "Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!" Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no. Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da no. Osoo ne nsa. Prɛko , ababaa no nyanee.

Asafopanyin a na wɔfrɛ no Yairo baa na ohuu Yesu no obuu nkotodwe, srɛɛ no se ɔnsa ne babea yare mma no. Ofi ahoyeraw mu ka kyerɛɛ Yesu se, "Abofra no rewu, enti mesrɛ wo , fa wo nsa bɛka no na onya nkwa." Yesu ne no kɔe a nnipakuw no di wɔn akyi.

Bere a Yesu duu no, ohuu nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwo. Ɔkɔɔ ofi no mu ne wɔn a wɔwɔ no kɔkasae. Obisaa wɔn se, "Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abofra no nwui; nna na wada!" Wɔn a wɔwɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔserew no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ fie no se, wɔn nyinaa mfi adi. Ɔne abofra no agya ne ne na ne nʼasuafo baasa no kɔɔ nea abofra no da . Osoo abofra no nsa kae , "Talita, Kuum!" a ase ne "Abaawa, mise wo sɔre!" Amono mu ara, abeawa no sɔree, na ofii ase nantewee (na wadi mfe dumien). Asɛm a esii yi maa wɔn ho dwiriw wɔn yiye.

Yesu bisaa wɔn se, "Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto? Wɔte mmofra bi a wɔregoru agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se,

" Yɛhyɛn mmɛn maa mo,

nanso moansaw;

yetwaa agyaadwo,

nanso moansu.

Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, Ɔwɔ honhommɔne. Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne "nnebɔneyɛfo" adamfo! Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse , nʼakwan nyinaa ye."

Ɔbea Debɔneyɛfo Sra Yesu Aduhuam

Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe. Ɔte redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ .

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no , ɔne no nkɔ ne fi na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu.

Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so.

Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, "Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio."

Yesu tee asɛm no osee Yairo se, "Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa."

Oduu fie no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara. Na nnipa a wɔwɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsu, onwui na wada."

Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee wawu. Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, "Me ba, sɔre!" Amono mu ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni. Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.

Lasaro Wu

Ɔbarima bi tenaa ase Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree. Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no. Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, wo dɔfo no yare."

Yesu tee nkra no ɔkae se, "Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." Na Yesu Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye. Bere a Yesu tee nkra Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa nnaanu. Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Momma yɛnsan nkɔ Yudea."

Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, "Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ bio yi?"

Yesu kae se, "Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu. Nanso ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu."

Yesu san kae se, "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no."

Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, "Awurade, wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no." Na Yesu kyerɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw nna ara na wada.

Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, "Lasaro awu;

Domínio sobre a natureza

Jesus acalmou a tempestade, andou sobre as águas e multiplicou pães. A natureza obedece à voz do seu Criador.

Yesu Brɛ Ahum Ase

Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. Prɛko , ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, "Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!"

Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"

Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni nkurow no bi so."

Yesu buaa wɔn se, "Ɛho nhia wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!"

Asuafo no ka kyerɛɛ no se, "Nea yɛwɔ nyinaa brodo anum ne mpataa abien ."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa mmrɛ me." Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no. Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien. Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho.

Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn.

Nnipa Mpem Anan Aduanma

Afei Yesu frɛɛ nʼasuafo no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se, "Nnipa yi me mmɔbɔ. Wɔabedi me nkyɛn ha nnansa. Aduan a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ mema wɔkɔ wɔn afi mu a wonnidii, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ piti kwan so."

Nʼasuafo no nso bisaa no se, "Sare so ha de, ɛhe na yebenya nnipadɔm yi ano aduan?"

Yesu nso bisaa wɔn se, "Brodo dodow ahe na mowɔ?"

Wobuae se, "Yɛwɔ brodo ason ne mpataa kakraa bi."

Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni. Wɔn nyinaa dii aduan no mee pintinn. Wɔn a wodii saa aduan no, na wɔn dodow nnipa mpem anan a wɔankan mmea ne mmofra anka ho. Wodidi wiei no, akyi mporoporowa a wɔtasee no yɛɛ nkɛntɛn ason.

Yesu Tua Asɔredan Mu Tow

Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, "Enti wo wura tua tow?"

Petro buaa no se, "Yiw otua."

Petro fii no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, "Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?"

Petro buaa se, "Wotwa tow no ma ahɔho no."

Yesu nso buae se, "Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ ɔman mma no tua tow biara. Na mmom, esiane mempɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn."

Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi

Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. Ohuu borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ borɔdɔma no bi so, nanso oduu no, ohuu nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, "Efi nnɛ, worensow aba bio!" Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.

Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, "Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?"

Yesu nso buaa wɔn se, "Nokware, mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, Tutu kogu po mu,na ebetutu akogu mu nso. Biribiara a mode gyidi bebisa mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka."

Prɛko , ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so ma ɛyɛɛ ɛremem. Saa bere no, na Yesu ɔkorow no to de ne ti ato sumii so ada. Asuafo no de ahopopo ne nteɛteɛ mu konyan no kae se, "Kyerɛkyerɛfo, yɛreyɛ amem yi ɛmfa wo ho?"

Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, "komm!" Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!

Yesu bisaa wɔn se, "Adɛn na moyɛ ahufo sɛɛ? Moda so nni gyidi ara?"

Na wɔn ho dwiriw wɔn yiye, bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn ni a mframa ne po mpo tie no yi?"

Onwini reyɛ adwo no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ade resa. Aduan biara nso nni ha. Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow mu ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi ase, na wɔnkɔtɔ aduan bi nni."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma wɔn aduan nni."

Wobisaa no se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ yenya asram asia akatua. Yɛnsɛe sika a ɛte saa mfa mma wɔn brodo nni ana?"

Yesu bisaa wɔn se, "Brodo ahe na mowɔ? Monkɔ na monkɔhwɛ."

Wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no se, "Wɔwɔ brodo anum ne mpataa abien."

Afei Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, wɔntenatena ase, na wɔtenatenaa ase akuwakuw sare no so. Wɔtenatenaa ase akuwakuw a bi ɔha na bi aduonum. Yesu faa brodo anum ne mpataa abien no, na ɔhwɛɛ soro, bɔɔ mpae, hyiraa so. Obubuu brodo no mu de maa asuafo no wɔnkyɛ mma nnipa no. Na ɔkyɛɛ mpataa no nso maa wɔn. Nnipa no dii aduan no maa obiara mee! Nnipa a wodii aduan no bɛyɛ mmarima mpem anum; na wɔtasee ase nkae no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Ohuu na wɔn ho akyere wɔn; ɛne , mframa a ano den ne asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no, enti na wɔrebrɛ ɔkorow no hare mu. Anɔpahema bɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, ɔnantew asu no ani baa wɔn nkyɛn. Ɔyɛɛ ɔretwa wɔn ho. Bere a asuafo no huu obi ɔnam asu no ani no, wɔde ehu teɛteɛɛ mu efisɛ na wosusuw wɔahu ɔsaman. Wɔn nyinaa huu no.

Ɛhɔ ara, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momma mo bo ntɔ mo yam. Ɛyɛ me! Munnsuro!" Afei ɔkɔɔ wɔn nkyɛn ɔkorow no mu no, mframa no gyaee. Asuafo no ho dwiriw wɔn,

Nnipa Mpem Anan Aduanma

Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane na hwee nni a wobedi nti, Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, "Nnipa yi me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa ha a, wonni aduan biara a wobedi bio. migya wɔn kwan wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae."

Nʼasuafo no bisaa no se, "Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi sare yi so ha?"

Obisaa wɔn se, "Brodo dodow ahe na mowɔ?"

Wobuaa no se, "Yɛwɔ ason."

Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no. Na wɔwɔ mpataa kakra , nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn. Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan. Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason.

Yesu Dome Borɔdɔma Dua

Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania no, ɔkɔm dee no. Wɔkɔɔ kakra no, ohuu borɔdɔma dua bi si a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ kɔhwɛɛ aduaba no bi so ana. Nanso oduu no ohuu nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ borɔdɔma no sow. Yesu domee borɔdɔma dua no se, "Efi nnɛ, worensow aba bio!" Asuafo no tee asɛm a ɔkae no.

Borɔdɔma Dua A Ewui No

Anɔpa a asuafo no retwa mu borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu awu. Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, "Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!"

Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "mowɔ gyidi Onyankopɔn mu a, anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, Tutu kogu po mu,na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim. Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa mpaebɔ mu no, munnye nni mo nsa aka, na ɛbɛyɛ ama mo. Na morebɔ mpae a, nea edi kan no, mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.

Asuafo A Wodi Kan No Frɛ

Da bi a Yesu reka asɛmpa Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so wɔrebetie Onyankopɔn asɛm. Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau mu no agyaw ɔtare no ho. Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi akasa akyerɛ nnipa no.

Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, "Hare baabi a emu kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree."

Simon kae se, "Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no."

Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew. Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.

Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, "Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ wobɛn me." Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa. Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa.

Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo." Wɔde akorow no beduu asu no ano no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa bedii nʼakyi.

Yesu Brɛ Ahum Ase

Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ." Wosii mu a wɔrekɔ no, Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano den bi maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.

Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, "Awurade, Awurade, yɛremem!"

Amono mu ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Afei obisaa wɔn se, "Adɛn na munni gyidi?" Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. "Onipa bɛn ni a mframa a ano den ne asorɔkye mpo tie no yi?"

Yesu Brɛ Ahum Ase

Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ." Wosii mu a wɔrekɔ no, Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano den bi maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.

Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, "Awurade, Awurade, yɛremem!"

Amono mu ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

Afei obisaa wɔn se, "Adɛn na munni gyidi?" Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. "Onipa bɛn ni a mframa a ano den ne asorɔkye mpo tie no yi?"

Yesu Tu Ɔbarima Bi Ahohommɔne

Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so.

Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi sare so."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo ara momma wɔn biribi nni."

Wobuaa no se, "Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien . Ɛno nti gye yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa." Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia .

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum." Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no. Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no. Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Yesu Ma Nsu Dan Nsa

Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na , na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba bi. Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, "Wɔn nsa a wɔrenom no asa."

Yesu ka kyerɛɛ ne na se, "Dɛn na wopɛ meyɛ? Me bere nnya nnui."

Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, "Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ."

Na abo asuhina asia sisi ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.

Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, "Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama." Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no."

Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no ka kyerɛɛ no se, "Saa nsa yi nsa pa. Wonte afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!"

Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ bagua mu de kyerɛɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii , ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.

Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.

Filipo buae se, "Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ yenya asram awotwe akatua."

Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se, "Abarimaa bi ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?"

Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, "Momma obiara ntena ase." Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum. Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.

Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe." Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.

Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii , Yesu kae se, "Ɛyɛ me, Munnsuro!" Asuafo no pɛɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.

Yesu Yi Ne Ho Adi Bio

Akyiri no Yesu yii ne ho adi bio Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni: Saa bere no na Simon Petro ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ faako. Wɔwɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, "Merekoyi nam." Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, "Yɛne wo bɛkɔ." Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.

Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano , nanso na asuafo no nnim ɛyɛ ɔno.

Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, "Anuanom, moayi nam bi ana?"

Wobuae se, "Dabi."

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mungu mo asau no nifa fam na mubeyi nam." Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ a na wɔtwe a ɛntwe.

Afei osuani a Yesu no no ka kyerɛɛ Petro se, "Ɛyɛ Awurade." Bere a Simon Petro tee ɛyɛ Awurade no ɔhyɛɛ nʼatade, (efisɛ na waworɔw) huruw tɔɔ asu no mu guare kɔɔ mpoano . Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano bi. Wɔreba no na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ . Ɔkwan a efi faako a wɔwɔ po no so ba mpoano no bɛyɛ mita ɔha. Woduu mpoano no wohuu obi asɔ ogya retoto nam na brodo bi nso gu nkyɛn.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Momfa nam a moayi no bi mmra." Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa mu no baa mpoano . Ɛwɔ mu na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew.

Libertações

Jesus expulsou demônios com autoridade. Os espíritos impuros não resistiam à sua palavra e saíam imediatamente.

Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, "Awurade, mʼabofra abubu gu a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Mɛba abɛsa no yare."

Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, "Awurade, memfata woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no."

Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, "Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase ɔsoro Ahenni no mu. Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw."

Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, "fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!" Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!

Yesu Tu Ahohommɔne

Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane na saa nnipa yi keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ . Wohuu no , wofii ase teɛteɛɛ mu se, "Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha worebɛyɛ yɛn ayayade bere a mmere no nsoe ana?"

Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi nkyɛn baabi. Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, "wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu."

Yesu teɛɛ wɔn se, "Mumfi!" Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no omfi wɔn man mu nkɔ.

Mum Nifuraefo Bi Ayaresa

Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mum bi a honhommɔne ne so brɛɛ no. Yesu tuu honhommɔne no na prɛko , mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, "Yenhuu saa anwonwade yi bi da Israelman mu ha!"

Farisifo Ka Se Yesu Ɔbonsam

Afei wɔde obi a ɔyɛ mum san onifuraefo, na honhommɔne nso ne so brɛɛ Yesu ɔnsa no yare. Yesu saa no yare ma ɔkasae, san huu ade.

Kanaanni Bea Bi Gyidi

Yesu fii ɔman no mu kɔɔ Tiro ne Sidon. Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, "Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no."

Yesu anka hwee. Nʼasuafo no hyɛɛ no ɔmpam ɔbea no mfi . Wotii mu ka kyerɛɛ no se, "Ka kyerɛ no na omfi ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso."

Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, "Wɔsomaa me baa Yudafo, Israel nguan a wɔayera no nkyɛn na ɛnyɛ amanamanmufo."

Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, "Me wura, boa me!"

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Enye wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman."

Ɔbea no nso buae se, "Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no."

Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, "Ɔbea, wo gyidi mu den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo." Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.

Otwafo Bi Ayaresa

Bere a osian duu bepɔw no ase no, ohuu nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bebuu Yesu nkotodwe kae se, "Owura, hu me ba bi a otwa mmɔbɔ, efisɛ ɔwɔ ɔhaw kɛse mu. otwa no ba a, etumi twa no hwe ogya anaa nsu mu. Enti mede no brɛɛ wʼasuafo no wɔnsa no yare; nanso wɔantumi."

Yesu kae se, "Mo nnɛ mma asoɔdenfo a munni gyidi! Me ne mo ntena nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha." Yesu teɛteɛɛ honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma etu fii ne mu ma amono mu ara ne ho tɔɔ no.

Amono mu ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se, "Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn ? Woaba worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!"

Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, "Mua wʼano! Fi ne mu !" Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.

Yesu Sa Ɔbarima Bi A Ɔwɔ Ahonhommɔne Yare

Yesu ne nʼasuafo no twaa ɔtare no koduu Gerasefo asase so. Ɔresi afi ɔkorow no mu no, ɔbarima bi a ahonhommɔne ne mu de mmirika fi amusiei behyiaa no. Na saa ɔbarima yi te abonna mu a obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere no bio. Ɔyɛ obi a na ne ho den yiye nti, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa mpo a, otumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim. Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusiei mmepɔw no mu a, ɔde abo a ano nam twitwa ne ho.

Ɔbarima yi huu Yesu akyirikyiri no, otuu mmirika, bebuu no nkotodwe. Ɔteɛteɛɛ mu se, "Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn no Ba, dɛn na wowɔ ne me ? Onyankopɔn din mu, nyɛ me ayayade biara!" Yesu teɛɛ honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no se, "Honhommɔne, fi ne mu !"

Yesu bisaa no se, "Wɔfrɛ wo dɛn?"

Obuaa Yesu se, "Me din de Dɔmefisɛ yɛdɔɔso." Afei ɔsrɛɛ Yesu anibere so ɔmmpam wɔn nnkɔ akyirikyiri.

Saa bere no na mprakokuw bi redidi bepɔw no nkyɛn baabi a ɛbɛn po no. Enti ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, "Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu." Yesu maa wɔn ho kwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprakokuw bɛyɛ mpenu no de ahoɔhare sian bepɔw no koguu po no mu ma ɛfaa wɔn.

Mprakohwɛfo no guan baa nkurow a ɛbɛn no mu bɛkaa nea wɔahu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔtee no kɔhwɛɛ nea asi no.

Nanso moka se, eye obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne na a ade bi hia no no se, Merentumi mmoa mo! Efisɛ mede nea anka a ɛsɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn. Enti mubu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛe no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abɔ mo amanne ho ban. Eyi nhwɛso baako . Nanso bebree ka ho."

Afei Yesu frɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn se, "Mo nyinaa muntie asɛm a mereka yi yiye, na monte ase. Ade biara a ɛkɔ onipa mu no ngu ne ho fi. Na mmom nea ebefi onipa mu aba no na egu ne ho fi.

Ɔbea Bi Gyidi

Yesu fi no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ ɔrekɔhyɛ komm a obiara nte ne nka, nanso anyɛ ye. Da a oduu ara , na nkurɔfo tee ne nka waba . Ɛhɔ ara na ɔbea bi a honhommɔne hyɛ ne babea ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka nti, obebuu no nkotodwe. Ɔbea no srɛɛ no ontu saa honhommɔne no mfi ne ba no mu mma no. Na saa ɔbea yi Helani a wɔwoo no Siro-Foinike.

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Ɛsɛ mma no mee ansa. Na enye wɔde mma aduan ma akraman."

Ɔbea no nso buae no se, "Owura, ɛyɛ nokware de, nanso ɛyɛ a wɔde aduan a aka mmofra no prɛte mu no bi ma akraman a wɔhyehyɛ ɔpon no ase no."

Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wo mmuae pa no nti masa wo babea no yare. fie. Honhommɔne no afi ne mu ."

Oduu fie no, ohuu ne babea no da mpa so dinn a honhommɔne no afi ne mu ampa ara.

Nnipa no mu baako kae se, "Kyerɛkyerɛfo, mede me ba aba ha sa no yare. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so nti, ontumi nkasa. honhommɔne no ka ne ho ne mu a, etwa no hwe fam ma nʼano twa ahuru, twɛre ne se a wasinsen. Ɛno nti mesrɛɛ wʼasuafo no se wontu honhommɔne no mfi ne mu, nanso wɔantumi."

Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "O, mo a mo gyidi sua, me ne mo ntena nkosi da bɛn ansa na mo gyidi atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me."

Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Wɔde no duu Yesu anim ara na ɔyare no baa denneennen, twaa no hwee fam, ma ɔperee a nʼano refi ahuru.

Yesu bisaa abarimaa no agya se, "Nnaahe ni a ɔyare yi baa ne so?"

Abarimaa no agya buaa Yesu se, "Efi ne mmofraase pɛɛ; na ɛtɔ da bi koraa a, ɔyare no tumi twa no hwe ogya anaa nsu mu ekum no. Enti wubetumi asa no yare de a, hu yɛn mmɔbɔ, na sa no yare ma yɛn."

Yesu bisaa no se, "Adɛn nti na woka se metumi a? Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama obiara a ogye di."

Abarimaa no agya buae se, "Mewɔ gyidi nanso esua, enti boa me, na hyɛ me gyidi mu den!"

Yesu huu nnipa no ara na wɔredɔɔso no, ɔteɛɛ honhommɔne no se, "Honhommɔne ɔsotifo ne mumu, mehyɛ wo , fi abofra yi mu . Nkɔhyɛ ne mu bio!"

Afei ɔyare no baa denneennen ansa na ɛrefi ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ owufo. Nnipakuw no kasaa huhuhuhu se, "Wawu." Na Yesu soo ne nsa pagyaw no ma ogyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.

Petro Asebea Ayaresa

Yesu fii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fi kɔtoo atiridiinini abɔ Simon asebea. Nnipa a wɔwɔ no srɛɛ no ɔnsa no yare. Ɔkɔɔ nea ɔda kogyinaa ne nkyɛn, teɛɛ ɔyare no ma egyaee amono mu ara ma ɔsɔre maa wɔn aduan dii.

Yesu fii ɔkorow no mu sii fam na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no. Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, "Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara." Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no wuram.

Yesu bisaa no se, "Wo din de dɛn?"

Obuaa no se, "Dɔm." Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu.

Saa bere no na mprako bi redidi bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan. Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui.

Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ kurom maa asɛm no trɛw mpɔtam nyinaa. Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu no, wohuu ɔbarima no ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn.

"Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi a wɔrenwu kosi wobehu Onyankopɔn ahenni no."

Yesu Anuonyam Hyerɛn

Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so wɔrekɔbɔ mpae. Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee. Prɛko , nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee anuonyam mu ne no bɛkasae. Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho.

Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho. Na ɛbaa nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, "Awurade, eye yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako." Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.

Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, "Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me; honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so. Na mesrɛɛ wʼasuafo no wontu honhommɔne no nanso wɔantumi."

Yesu kae se, "Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!" Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, "Fa wo ba no bra ha."

Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya. Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn.

Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,

Yesu Ne Beelsebul

Bere bi Yesu tuu honhommɔne bi a ɛyɛ mum fii onipa bi mu. Honhommɔne no tu fii ne mu no, ɔkasa ma ɛyɛɛ nnipa a na wɔwɔ no nyinaa ahodwiriw.

Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.

Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Monnyɛ eyi bi bio!" Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree bio.

Yesu Di Yohane Ho Adanse

Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, "Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana? Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa. Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo. Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se,

" Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.

Ɔno na obesiesie kwan ama wo.

Meka kyerɛ mo se onipa biara nni a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa Onyankopɔn ahemman mu no sen no."

Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu. Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.

Seja o primeiro