Publicidade

Lamentações 2

1 Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum

akata Ɔbabea Sion so ni?

Watow Israel anuonyam

afi ɔsoro abɛhwe fam;

wankae ne nan ntiaso

wɔ nʼabufuw da no.

2 Awurade annya ahummɔbɔ

na wamene Yakob atenae nyinaa;

nʼabufuwhyew mu, wadwiriw

Yuda Babea abandennen no agu fam.

Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma

ho fi.

3 Ɔde abufuwhyew atwitwa

Israel mmɛn nyinaa.

Wayi ne bammɔ

wɔ bere a atamfo no reba.

Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa

a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.

4 Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;

ne nsa nifa ayɛ krado.

Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum

wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;

wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya

agu Ɔbabea Sion ntamadan so.

5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;

wamene Israel.

Wamene nʼahemfi nyinaa

asɛe nʼabandennen.

Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso

ama Yuda Babea.

6 Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;

wasɛe nʼaguabɔbea.

Awurade ama Sion werɛ afi

nʼafahyɛ ne homenna;

nʼabufuwhyew mu no

wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.

7 Awurade apo nʼafɔremuka

na wagyaa ne kronkronbea mu.

Ɔde nʼahemfi afasu

ahyɛ nʼatamfo nsa.

Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi

te sɛ afahyɛ da.

8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe

Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.

Ɔde susuhama too ho

na wannyae ɔsɛe no.

Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;

wɔn nyinaa sɛee.

9 Nʼapon amem fam;

wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.

Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,

mmara nni hɔ bio,

na nʼadiyifo nnya anisoadehu a

efi Awurade hɔ bio.

10 Ɔbabea Sion mpanyimfo

tete fam ayɛ komm;

wɔde mfutuma agu wɔn tirim

afurafura atweaatam.

Yerusalem mmabaa

asisi wɔn ti ase.

11 Mʼani rentumi nnyae nisutew,

me yafunu mu retwa me,

me koma retew atɔ fam,

efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,

efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti

wɔ kuropɔn no mmɔnten so.

12 Wobisa wɔn nanom se,

"Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?"

Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo

wɔ kuropɔn no mmɔnten so,

bere a wɔn nkwa resa

wɔ wɔn nanom abasa so.

13 Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?

Dɛn ho na metumi de wo atoto,

Ɔbabea Yerusalem?

Dɛn na metumi de asusuw wo,

de akyekye wo werɛ,

Sion Babea Ɔbabun?

Wʼapirakuru so sɛ po.

Hena na obetumi asa wo yare?

14 Wʼadiyifo anisoadehu

yɛ atoro a so nni mfaso;

wɔanna mo amumɔyɛ adi

ansiw mo nnommumfa ano.

Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no

yɛ atoro ne nnaadaa.

15 Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so;

wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti

gu Yerusalem Babea so ka se,

"Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no

ahoɔfɛ a edi mu no?

Asase nyinaa anigyede no ni?"

16 Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom

tɛtrɛɛ tia wo;

wɔserew na wɔtwɛre wɔn se

na wɔka se, "Yɛamene no.

Da a na yɛretwɛn no ni;

Yɛatena ase ahu."

17 Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;

wama nʼasɛm a

ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.

Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,

wama ɔtamfo no ani agye

wama wʼatamfo no mmɛn so.

18 Nnipa no koma

su frɛ Awurade.

Ɔbabea Sion afasu,

momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten

awia ne anadwo;

munnye mo ahome

momma mo ani nso nnya ɔhome.

19 Sɔre, su dennen anadwo,

ɔdasu mu mfiase;

hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu

gu Awurade anim.

Ma wo nsa so kyerɛ no

wo mma nkwa nti,

wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw

wɔ mmɔnten so.

20 "Hwɛ na dwene ho, Awurade:

Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?

Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,

mma a wɔahwɛ wɔn?

Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo

Awurade kronkronbea ana?

21 "Mmofra ne mpanyin da adabum

wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,

me mmerante ne mmabaa

atotɔ wɔ afoa ano.

Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;

woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.

22 "Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,

saa ara na wofrɛfrɛɛ

amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.

Awurade abufuw da no,

obiara anguan na anka obiara:

wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,

me tamfo adwerɛw wɔn."

Veja também

Publicidade
Lamentações
Ver todos os capítulos de Lamentações
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-18_14-04-22-