Namoro e sexo
Namoro e sexo são temas que a Bíblia trata com clareza e sem tabus. Deus criou o sexo como bênção dentro do casamento e nos chama à pureza fora dele.
Pureza sexual
A vontade de Deus é a santificação. Cada um saiba controlar seu próprio corpo em santidade e honra, não na paixão do desejo.
Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena wɔ kronkronyɛ ne anuonyam mu. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no.
Obi foforo nso bɛka se, "Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan." Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no.
Arrependimento e restauração
Bem-aventurado aquele cujo pecado é perdoado. Deus restaura os que se arrependem e cria neles um coração limpo e renovado.
Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu no so
na nnaadaa nni ne honhom mu.
Bere a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛw,
apini a misii no da mu nyinaa nti.
Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden sae
te sɛ awia bere mu ɔhyew.
Afei, migyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumɔyɛ so.
Mekae se, "Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,"
na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.
Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae
bere a wohu wo;
ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,
ɛrenka no.
Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa
na tew me ho fi me bɔne mu!
Na mahu me mmarato,
na mekae me bɔne daa.
Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara
na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,
enti wudi bem wɔ wʼatemmu mu
na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.
Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi;
guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.
Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka;
na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.
Kata wʼani wɔ me bɔne ho
na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.
Ao, Onyankopɔn, bɔ koma a mu tew wɔ me mu,
na yɛ honhom a atim no foforo wɔ me mu.
Mpam me mfi wʼanim,
na nyi wo Honhom Kronkron mfi me mu.
Fa wo nkwagye mu anigye no ma me bio,
na ma me ɔpɛ honhom a ɛbɛma magyina.