Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 5

1 "Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu. 2 wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn. 3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano. 4 Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi akɔ Israelfi nyinaa.

5 "Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia. 6 Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.

7 "Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no mpo.

8 "Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so amanaman no anim. 9 Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da. 10 Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa. 11 Enti mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, esiane wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo. 12 Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ afoa ano wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn.

13 "Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu ɛyɛ me Awurade na makasa me tumi mu.

14 "Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu no ani so. 15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano den retwe wʼaso. Me Awurade na maka. 16 metow me kɔm agyan a bɔre ano na ɛsɛe ade wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan. 17 Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wo so. Me Awurade na maka."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também