Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 42

Asɔfo Adan

1 Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim. 2 Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso anammɔn aduɔson anum. 3 Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim asan abiɛsa no mu biara so. 4 Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw anammɔn dunum na ne tenten anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 6 Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no. 7 Na ɔfasu bi nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim. 8 Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten anammɔn ɔha ne aduonum. 9 obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam. 10 Anafo fam, mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi a 11 ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw , ho apon a wɔfa mu pue no atenten . Apon a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa adan no mu.

13 Na ɔka kyerɛɛ me se, "Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ Awurade anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no kronkron. 14 asɔfo no beae kronkron a ɛnsɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo kosi wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu , efisɛ saa ntade no kronkron. Ɛsɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi no."

15 Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae. 16 Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na nʼafefare mu no anammɔn ahanson ne aduonum ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também