Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 8

Asɔredan Mu Abosonsom

1 Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo Awurade nsa baa me so . 2 Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte onipa. Efi baabi a ayɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte ogya, na efi rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn dade a adɔ. 3 Ɔteɛɛ biribi te nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si. 4 Na , mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam , te anisoadehu a minyaa no tataw no so no.

5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, hwɛ atifi fam ." Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.

6 Ɔka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa."

7 Afei ɔde me baa adiwo pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru ɔfasu no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru." Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi .

9 Ɔka kyerɛɛ me se, "mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ ha." 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. 12 Obisaa me se, "Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ nʼankasa honi abosonnan mu sum mu ana? Wɔka se, Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’ " 13 Ɔkaa bio se, "Wubehu wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi."

14 Afei ɔde me baa Awurade fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete resu Tamus. 15 Obisaa me se, "Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi."

16 Afei ɔde me baa Awurade fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na , hyiadan no ano kwan, abrannaa ne afɔremuka no ntam, na na mmarima bɛyɛ aduonu anum . Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam.

17 Obisaa me se, "Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ ha yi adewa ana? So ɛsɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! 18 Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu , wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também