Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 35

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Bepɔw Seir; hyɛ nkɔm tia no, 3 na ka se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya, Bepɔw Seir, na mɛteɛ me basa atia wo na mɛma wo ada mpan. 4 Mɛdan wo nkurow ama ayɛ mmubui na wobɛda mpan. Afei wubehu mene Awurade no.

5 " Esiane wode tete nitan hyɛɛ wo mu na wuyii Israelfo maa afoa wɔn amanehunu mu, bere a wɔn asotwe duu ne mpɔmpɔnso no 6 nti, mete ase yi de, Otumfo Awurade asɛm ni, mede wo bɛma mogyahwiegu na ebedi wʼakyi. Esiane woansuro mogyahwiegu no nti, mogyahwiegu bɛtaa wo. 7 Mɛma bepɔw Seir ada mpan, na mayi wɔn a wodi so akɔneaba no afi . 8 Mede atɔfo bɛhyɛ wo mmepɔw so ma; wɔn a wɔbɛtotɔ afoa ano bɛtotɔ ase wo nkoko so, aku mu ne wo subon mu. 9 Mɛma woada mpan afebɔɔ, na obiara rentena wo nkurow so. Afei wubehu mene Awurade no.

10 " Woaka se, "Saa aman abien ne nsase yi bɛyɛ yɛn dea, na yɛbɛfa," bere a me Awurade mete ; 11 enti mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔn mu, bere a mebu wo atɛn. 12 Afei wubehu me Awurade, mate animtiaabu nsɛm a woaka atia Israel mmepɔw no. Wokae se, "Wɔama ada mpan na wɔadan ama yɛn yɛmfa." 13 Mohoahoaa mo ho tiaa me na mokasa tiaa me a moanto sɛbe, na metee. 14 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Bere a wiase nyinaa redi ahurusi no, mɛma wo ada mpan. 15 Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu mene Awurade no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também