Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 14

Wobu Wɔn A Wɔsom Ahoni No

1 Israel mpanyimfo no mu bi baa me nkyɛn bɛtenatenaa mʼanim. 2 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 3 "Onipa ba, saa mmarima yi de ahoni ahyɛ wɔn koma mu na wɔde amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim. Ɛsɛ mema wobisa mʼase koraa ana? 4 Enti kasa kyerɛ wɔn na ka se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelni biara de ahoni hyehyɛ ne koma mu na ɔde amumɔyɛ hintidua sisi nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn a, me Awurade, mɛma no mmuae a ɛfata nʼahonisom no kɛseyɛ. 5 Mɛyɛ eyi de atwe Israelfo a wɔagyaw me akodi wɔn abosom akyi no koma aba bio.

6 "Enti ka kyerɛ Israelfi se, Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Monsakra mo adwene. Mumfi mo ahoni ho na munnyae mo nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no!

7 " Israelni bi anaa ɔnanani a ɔte Israel twe ne ho fi me nkyɛn na ɔde ahoni hyɛ ne koma mu de amumɔyɛ hintidua si nʼanim, na afei ɔkɔ odiyifo nkyɛn kobisa mʼase a, me, Awurade ankasa bebua no. 8 Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu mene Awurade no.’ 

9 " Na odiyifo no ma wɔdaadaa no ma ɔhyɛ nkɔm a, me Awurade na madaadaa odiyifo no, mɛteɛ me nsa ne so na matwa no afi me nkurɔfo Israelfo mu. 10 Wɔbɛsoa wɔn afɔdi; odiyifo no ne nea okohuu no no nyinaa bedi . 11 Na Israelfo renkwati me bio, na wɔremfa wɔn nnebɔne no ngu wɔn ho fi bio. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’ "

Atemmu A Wɔrentumi Nguan

12 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 13 "Onipa ba, ɔman bi anni me nokware na enti wɔyɛ bɔne de tia me, na meteɛ me nsa wɔn so na migyae wɔn aduanma, na mema ɔkɔm ba bekunkum mu nnipa ne wɔn mmoa a, 14 mpo saa nnipa baasa a wɔyɛ Noa, Daniel ne Hiob ɔman no mu a, wɔn trenee begye wɔn nko ara nkwa, Otumfo Awurade asɛm ni.

15 "Anaa mema wuram mmoa saa asase no so na wokunkum so nnipa nyinaa na asase no sɛe a obiara ntumi mfa so, esiane wuram mmoa no nti a, 16 mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo saa mmarima baasa yi asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobegye wɔn nkwa na asase no bɛsɛe.

17 "nso metwe afoa asase no so, na meka se, Ma afoa no nkɔ asase no so nyinaa,na mikunkum so nnipa ne wɔn mmoa, 18 mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, mpo saa mmarima baasa yi asase no so a, wɔrentumi nnye wɔn ankasa mmabarima ne mmabea nkwa. Wɔn nko ara na wobenya nkwa.

19 "nso mesoma ɔyaredɔm asase no so na menam mʼabufuwhyew so hwie mogya gu asase no so, kunkum so nnipa ne wɔn mmoa a, 20 mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, Noa, Daniel ne Hiob mpo a, wɔrentumi nnye ɔbabarima anaa ɔbabea nkwa. Wɔn trenee nti wobegye wɔn nkwa.

21 "Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ hu mmoroso mɛma mʼatemmu huhuhuhu anan, a ɛyɛ afoa, ɔkɔm, wuram mmoa ne ɔyaredɔm akɔ Yerusalem so akokunkum ne mmarima ne wɔn mmoa! 22 Nanso ebinom bɛka, mmabarima ne mmabea a wobeyi wɔn afi mu no. Wɔbɛba mo nkyɛn na muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a, mo bo bɛtɔ mo yam amanehunu a me de aba Yerusalem so no ho, amanehunu a mede aba ne so biara. 23 muhu wɔn su ne wɔn nneyɛe a mo bo bɛtɔ mo yam, efisɛ mubehu , menyɛɛ biribiara a enni farebae, Otumfo Awurade asɛm ni."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também