Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 31

Sida Bi A Ɛwɔ Lebanon

1 Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2 "Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se:

" Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?

3 Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon,

Ɔde mman a ɛyɛ , na ɛhyɛ kwae so

nyin kɔɔ soro yiye,

ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.

4 Nsu no maa no aduan,

mmura a mu ma enyin kɔɔ soro;

wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa

de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.

5 Enti ɛkɔɔ sorosoro

sen mfuw no so nnua nyinaa;

ne dubaa dɔɔso

ne mman nyin yɛɛ atenten,

na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.

6 Wim nnomaa nyinaa

yɛɛ wɔn berebuw ne dubaa no mu,

wuram mmoa nyinaa

wowoo mma ne mman no ase

aman akɛse nyinaa

tenaa ne nwini ase.

7 Na ne kɛseyɛ no ,

ne dubaa a adennan no nti,

na ne ntin nyin kɔɔ fam

koduu nsu bebree mu.

8 Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu

nto no,

na ɔpepaw nnua nso

dubaa ne no nyɛ ,

na wontumi mfa ɔfo nnua nso

ntoto ne mman ho,

dua biara nni Onyankopɔn turo

no mu a nʼahoɔfɛ te no.

9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ

maa no mman bebree,

na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa

Onyankopɔn turo no mu no

ani beree no.

10 " Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan ne tentenyɛ ho nti, 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, 12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no . Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no . 13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, nnipamma a wosian amoa mu no nkyɛn.

15 " Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. 16 Memaa aman no ho popoo nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye asase ase. 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ afoa ano no ho.

18 " Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ afoa ano no.

" Eyi Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também