Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 19

Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom

1 "Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2 na monka se:

" Na wo na gyatabere mu sononko

gyata mu!

Ɔdaa gyataforo mu

yɛn ne mma.

3 Ɔyɛn ne mma no mu baako

ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo.

Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu,

na ɔwee nnipa nam.

4 Amanaman no tee ne nka,

na wɔn amoa yii no.

Wɔkyekyeree no de no kɔɔ

Misraim asase so.

5 " Bere a ohuu nʼanidaso anyɛ ,

na nea ɔrehwɛ anim ayera no,

ɔfaa ne ba foforo

yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo.

6 Okyinkyin gyata no mu

efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo.

Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu

na ɔwee nnipa nam.

7 Obubuu wɔn abandennen

na ɔsɛee wɔn nkurow.

Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,

ne mmubomu bɔɔ wɔn hu.

8 Afei amanaman no sɔre tiaa no,

wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so.

Woguu no asau kyeree no

wɔn amoa mu.

9 Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu

na wɔde no brɛɛ Babilonia hene.

Wɔde no too afiase,

na wɔante ne mmubomu no bio

Israel mmepɔw no so.

10 " Na wo na te bobedua

a wɔatɛw no asu ho wo bobeturo mu.

Na ɛsow aba, na eyiyii mman

nsu a onya no bebree no nti.

11 Ne mman yɛɛ den yiye;

edi mu wɔde ahemfo ahempema.

Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so,

ne sorokɔ ne ne mman bebree no

maa no yɛɛ sononko.

12 Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase

de no hwee fam.

Apuei mframa maa no kasae,

ɛsow aba tetew gui;

na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee

na ogya hyewee.

13 Afei wɔakɔtɛw no sare so

asase kesee a nsu nni mu mu.

14 Ogya trɛw fii ne mman baako so

na ɛhyew nʼaba.

Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo so;

nea wɔde ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.

Eyi kwadwom na ma wɔnto no saa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também