Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 32

Farao Ho Kwadwom

1 Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se:

" Wote gyata aman no mu:

wote po mu aboa a ne ho hu

wububu dikyi wo nsuten mu,

wode wo nan boro nsuten no

de fono nsu no.

3 " Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Mede dɔm bɛba

abɛtow mʼasau agu wo so,

na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu.

4 Mɛtow wo akyene asase no so

na mahiri wo ato sare so.

Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so

na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.

5 Mɛhata wo nam mmepɔw no so

na mede wo funu ahyɛ aku ma.

6 Mede wo mogya a ɛresen no

afɔw asase no de akɔka mmepɔw no

na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma.

7 mitwa wo fi a, mɛkata ɔsoro ani

na madunnum wɔn nsoromma;

mede omununkum bɛkata owia ani,

na ɔsram renhyerɛn.

8 Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa

mɛma aduru sum wo so;

mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni.

9 Mɛma nnipa bebree koma atutu

bere a mede wo sɛe aba aman no mu,

nsase a wunnya nhuu mu.

10 Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wo ho,

wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo

bere a merehim mʼafoa wɔn anim no.

Da a wobɛhwe ase no

wɔn mu biara ho bɛwosow

bere nyinaa mu wɔn nkwa nti.

11 " Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Babiloniahene afoa

bɛsɔre wo so.

12 Mɛma wo dɔm no atotɔ

dɔmmarima afoa ano,

aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu.

Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa

na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu.

13 Mekunkum nʼanantwi nyinaa

afi nsu bebree no ho

na onipa nan rentiatia mu bio

na anantwi tɔte nso remfono no.

14 Afei mɛma ne nsu ani atew

na mama ne nsuten ateɛ ngo,

Otumfo Awurade asɛm ni.

15 mema Misraim da mpan

na miyi biribiara fi asase no so,

mikum wɔn a wɔte so nyinaa a,

afei na wobehu mene Awurade no.

16 "Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni."

17 Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18 "Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian amoa mu no ho. 19 Ka kyerɛ wɔn se, Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.20 Wɔbɛka wɔn a wowuwuu afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ. 21 Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu afoa ano no.

22 "Asiria ne nʼasraafo nyinaa , wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ afoa ano no. 23 Wɔn nna no amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ afoa ano.

24 "Elam , ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian amoa mu no ho. 25 Wɔato mpa ama no atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa momonotofo a wɔatotɔ afoa ano. Esiane wɔn ahunahuna trɛw ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn atɔfo no mu.

26 "Mesek ne Tubal a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa momonotofo a wɔatotɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu ateasefo asase so. 27 Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw ateasefo asase so.

28 "Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ afoa ano no.

29 "Edom , nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian amoa mu no.

30 "Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa , wɔne atɔfo kɔɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn afoa ano, na wɔne wɔn a wosian amoa mu no asoa wɔn animguase.

31 "Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye ne dɔm a wokunkum wɔn afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni. 32 Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também