Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 15

Yerusalem, Bobe Duahunu

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman? 3 Wotwa dua no bi de biribi a so mfaso? Wɔde pɛe a wɔde nneɛma sensɛn so ana? 4 Na wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini nso a, so ba mfaso bi ana? 5 Na so amma mfaso bere a ɛyɛ mua no a, ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi de ayɛ ade bi a mfaso so, bere a ahyew atɔ nso no?

6 "Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa. 7 Metu mʼani asi wɔn so. Ɛwɔ mu wɔafi ogya no mu de, nanso ɛbɛhyew wɔn bio. Na mitu mʼani si wɔn so a, wubehu mene Awurade. 8 Mɛma asase no ada mpan efisɛ wɔanni nokware, Otumfo Awurade asɛm ni."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também