Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 40

Asɔredan Foforo No Afefare Mu

1 Yɛn nnommumfa afe a ɛto so aduonu anum, afe no mfiase, ɔsram da a ɛto so du a ɛyɛ kuropɔn no asehwe afe a ɛto so dunan no, saa da no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ . 2 Onyankopɔn anisoadehu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw tenten bi so; nʼanafo fam no na adan bi a ɛsɛ kuropɔn bi. 3 Ɔde me kɔɔ na mihuu ɔbarima bi a ne tebea te kɔbere mfrafrae; na ogyina ɔpon no ano, kura sirikyi hama ne susudua ne nsam. 4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a mɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyi, efisɛ ɛno nti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wubehu no kyerɛ Israelfi."

Apuei Fam Pon A Ɛkɔ Akyiri Adiwo

5 Mihuu ɔfasu a atwa asɔredan no afefare mu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten anammɔn du ne fa. Osusuw ɔfasu no huu mu piw anammɔn du ne fa, na ne sorokɔ nso saa ara.

6 Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw susudua no baako. 7 Awɛmfo adan no mu biara tenten mu susudua baako na ne trɛw mu nso saa ara, afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam mu piw anammɔn ason ne fa. Ntwironoo a anim kyerɛ asɔredan no abobow ano pon no trɛw susudua baako. 8 Afei osusuw ɔpon no ntwironoo; 9 na ne tenten mu anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no.

10 Na awɛmfo adan abiɛsa apuei pon no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛse na afasu ntiantia a etwitwa ntam no nso mu piw . 11 Afei osusuw abɔntenpon no ano kwan, na ne trɛw anammɔn dunum na ne tenten mu nso anammɔn dunkron ne fa. 12 Awɛmfo adan no mu biara anim ɔfasu tiaa a ne sorokɔ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa. 13 Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam anammɔn aduasa ason ne fa. 14 Osusuw faa afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no nyinaa anim ɔpon kwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Nteɛmu no kosii ntwironoo a anim hwɛ adiwo no. 15 Ɔkwan a efi abɔntenpon abobow ano kosi ntwironoo no ti anammɔn aduɔson anum. 16 Awɛmfo adan ne afasu ntiantia a etwitwa wɔn ntam abɔntenpon kwan no mu no, na bammɔ mfɛnsere nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwironoo no mu te, na ne nyinaa buebue mu. Afasu ntiatia a etwitwa awɛmfo adan no ntam no, wɔaduadua mmɛ anim fɛfɛɛfɛ.

Adiwo A Ɛda Akyi No

17 Afei ɔde me baa adiwo a ɛda akyi no. Ɛhɔ na mihuu adan bi ne nsɛwee bi a ɛwɔ adiwo no fasu ase nyinaa; na adan no aduasa nsɛwee no ho. 18 Na nsɛwee no pem apon no nkyɛn mu, na na ɛtrɛw sɛnea apon no tenten te; eyi ne ase nsɛwee no. 19 Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum apuei ne atifi fam.

Atifi Fam Pon No

20 Afei osusuw ɔpon a ani hwɛ atifi fam na epue mfikyiri adiwo no tenten ne ne trɛw. 21 Na awɛmfo adan a abiɛsa afaafa, afasu ntiaa a etwitwa wɔn ntam ne ntwironoo no afefare mu te ɔpon a edi kan no de. Ne tenten anammɔn aduɔson anum na ne trɛw anammɔn aduasa ason ne fa. 22 Na ne mfɛnsere nketenkete ne ntwironoo ne mmedua a ɔde asiesie no no nsusuwii nyinaa te ɔpon a ani hwɛ apuei fam de no. Atrapoe na wɔforo de mu, atrapoe no ne ntwironoo no di nhwɛanim. 23 Na ɔpon bi a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Anafo Fam Pon No

24 Afei odii mʼanim de me kɔɔ anafo fam, na mihuu ɔpon a ani hwɛ anafo fam no. Osusuw nʼadum ne ntwironoo na na nʼatenten te nkae no. 25 Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw anammɔn aduanan anan. 26 Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim nʼafanu. 27 Na mfimfini no adiwo nso ɔpon a ani hwɛ anafo fam, na osusuw ɔkwan a ɛda saa ɔpon yi ne abɔntenpon a ɛwɔ anafo fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Apon A Ɛkɔ Mfimfini Adiwo No

28 Afei ɔde me faa anafo fam pon no mu baa mfimfini adiwo . Osusuw anafo fam pon no; na ne tenten nyinaa te nea aka no. 29 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no nsusuwii ne nea aka no . Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ne ntwironoo no ho nyinaa. Na ne tenten anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso anammɔn aduasa ason ne fa. 30 (Apon ntwironoo a atwa mfimfini adiwo no ho ahyia no mu biara tenten anammɔn aduasa ason ne fa na ne trɛw nso anammɔn ason ne fa.) 31 Ne ntwironoo hwɛ afikyiri adiwo ; nʼafadum ho mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de .

32 Afei, ɔde me baa mfimfini adiwo apuei fam na osusuw ɔpon no; na ne tenten ne nea aka no . 33 Nʼawɛmfo adan, afasu ntiatia a etwitwa adan no ntam ne ntwironoo no tenten ne nea aka no . Na apon no ne ne ntwironoo nyinaa wowɔ mfɛnsere nketenkete. Na ne tenten anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso anammɔn aduasa ason ne fa. 34 Ne ntwironoo hwɛ mfimfini adiwo ; nʼafadum ho mmedua mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de .

35 Afei ɔde me baa atifi fam pon no ano na osusuwii. Na ne tenten ne nea aka no , 36 saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te nkae no, na mfɛnsere nketenkete ho nyinaa. Na ne tenten anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso anammɔn aduasa ason ne fa. 37 Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo , nʼafadum no afaanu nyinaa ho mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de .

Adan A Wosiesie Afɔrebɔde Mu

38 Ɔdan bi a ɔpon da ano bɛn ntwironoo a ɛwowɔ apon a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho, na wɔhohoro ɔhyew afɔrebɔde ho. 39 Apon abien sisi abɔntenpon ntwironoo no mu, na so na wokunkum ɔhyew afɔre, bɔne afɔre ne afɔdi afɔre mmoa. 40 Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano . 41 Ɛno nti na apon anan sisi ɔpon no afa abien no fa biara; ne nyinaa apon awotwe a so na wokum afɔrebɔ mmoa. 42 Na abo a wɔatwa no apon anan nso ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso saa ara, ne sorokɔ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu. 43 Na kɔtɔkoro nta adinam a emu biara tenten nsateaakwaa abiɛsa sensɛn afasu no nyinaa ho. Apon no so na wɔde afɔrebɔ nam gu.

Asɔfo No Adan

44 Mfimfini pon no akyi mfimfini adiwo no, na adan abien ; baako bɛn atifi fam pon a ani hwɛ anafo fam, na baako nso bɛn anafo fam pon a ani kyerɛ atifi fam. 45 Ɔka kyerɛɛ me se, "Ɔdan a ɛwɔ anafo fam no asɔfo a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, 46 Na ɔdan a ani kyerɛ atifi fam no asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Eyinom Sadok mmabarima a wɔn nko ara ne Lewifo a wotumi bɛn Awurade na wɔsom nʼanim." 47 Afei wosusuw adiwo no. Na ɛyɛ ahinanan a ɔfa biara tenten anammɔn ɔha aduonum. Na afɔremuka no si asɔredan no anim.

Asɔredan Foforo No

48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwironoo mu, na osusuw ntwironoo no afadum, na ɔfa biara trɛw anammɔn ason ne fa. Na abobow ano no trɛw anammɔn aduonu baako ne fa. Na afasu ntiaa a epuepue ho no trɛw anammɔn anan ne fa ɔfa biara. 49 Ntwironoo no trɛw anammɔn aduasa, na efi anim kosi akyi no anammɔn dunwɔtwe. Atrapoe ntoatoaso bi na wɔforo de . Na afadum sisi ntwironoo no fa biara.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também