Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 25

Nkɔmhyɛ A Etia Amon

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfo so na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Ka kyerɛ wɔn se, Muntie Otumfo Awurade asɛm. Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane wokaa "Ɛhɛɛ" guu me kronkronbea so bere a woguu ho fi ne Israel asase bere a ɛdaa mpan, ne Yudafo bere a wɔkɔɔ nnommum mu 4 nti, mede mo rebɛma nnipa a wofi Apuei fam na wɔde mo ayɛ wɔn de. Wɔbɛkyekye wɔn nsraban, asisi wɔn ntamadan mo mu; wobedi mo nnuaba na wɔanom mo nufusu. 5 Mɛdan Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ faako a nguan gye wɔn ahome. Afei mubehu mene Awurade no. 6 Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane moabɔ mo nsam de mo anan apempem , na mode koma mu bɔne nyinaa adi ahurusi atia Israel asase nti, 7 mɛteɛ me nsa atia mo na moayɛ asade ama amanaman no. Metwa mo afi amanaman no mu na matɔre mo ase nsase no so. Mɛsɛe mo na mubehu mene Awurade no.’ "

Nkɔmhyɛ A Etia Moab

8 "Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane Moab ne Seir kae se, "Monhwɛ, Yudafi ayɛ amanaman a aka no" 9 nti, mebue Moab nkyɛn mu, afi nkurow a ɛdeda nʼahye so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no anuonyam. 10 Na mede Moab bɛka Amonfo ho ama nnipa a wɔwɔ Apuei fam de ayɛ wɔn de, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfo amanaman no mu; 11 na mɛtwe Moab aso. Na wobehu mene Awurade no.’ "

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

12 "Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane Edom tɔɔ were Yudafi so na ɔnam so dii no nti, 13 nea Otumfo Awurade se ni: Mɛteɛ me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa, mɛma asase a ɛda Teman kosi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ afoa ano. 14 Me nkurɔfo Israelfo bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so were na wɔne no bedi no sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew te; wobehu mʼaweretɔ, Otumfo Awurade asɛm ni.’ "

Nkɔmhyɛ A Etia Filistia

15 "Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane Filistifo tɔɔ were, na wɔde koma mu nsusuw bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtan a efi tete sɛee Yuda nti, 16 sɛnea Otumfo Awurade se ni: Merebɛteɛ me nsa atia Filistifo, na matwa Keretifo no agu na masɛe wɔn a wɔaka mpoano no. 17 Mɛtɔ wɔn so were a ɛso na matwe wɔn aso mʼabufuwhyew mu. Na metɔ wɔn so were a, wobehu mene Awurade no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também