Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 44

Ɔhene No, Lewifo No, Asɔfo No

1 Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu. 2 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, "Ɛsɛ ɔpon a wɔato mu yi tena saa ara. Ɛnsɛ wobue. Obiara mfa nhyɛn mu. Ɛnsɛ wobue, efisɛ Awurade, Israel Nyankopɔn afa ahyɛn mu. 3 Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi Awurade anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa ara fi adi."

4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw .

5 Na Awurade ka kyerɛɛ me se, "Onipa ba, hwɛ ade yiye, tie no yiye, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛe a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa ho. Ma wʼani nku asɔredan no pon ne mmeae a wɔfa fi adi fi kronkronbea no nyinaa ho. 6 Ka kyerɛ Israelfo atuatewfo no se, Sɛɛ na Awurade se: Mo akyiwadeyɛ no adɔɔso. Israelfo! 7 Mo akyiwadeyɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafo a wɔyɛ koma mu ne honam fam momonotofo aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, bere a mode aduan, srade ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam no. 8 mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronne ho no, momaa afoforo bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔnanani a ɔyɛ koma mu ne honam fam momonoto biara nni kwan ɔhyɛn me kronkronbea , ananafo a wɔte Israelfo mu mpo nni kwan saa.

10 " Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. 11 Wobetumi asom me kronkronbea bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso esiane wɔsom wɔn wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo Awurade asɛm ni. 13 Ɛnsɛ wɔbɛn me wɔrebɛsom me asɔfo anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronne mu biara anaa mʼafɔrebɔde kronkron; ɛsɛ wɔn akyiwade ahorow ho aniwu ka wɔn. 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadi bɛhyɛ wɔn nsa, ho som biara wɔnyɛ mu.

15 " Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom mʼanim; ɛsɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni. 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan wɔhyɛn me kronkronbea ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho kwan wotwiw bɛn me pon, bɛsom mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.

17 " wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom apon a ɛkɔ mfimfini adiwo anaasɛ asɔredan no mu no. 18 Ɛsɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔn ase. Ɛnsɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri. 19 wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no no a, ɛsɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho.

20 " Ɛnsɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo . 22 Ɛnsɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom asɔfo. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi ade a ho ntew anaasɛ ho tew.

24 " Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron.

25 " Ɛnsɛ ɔsɔfo funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye funu no nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi ho de gu ne ho fi. 26 Na odwira ne ho a, ɛsɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo akɔsom kronkronbea no, ɛsɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo Awurade asɛm ni.

28 " Me nko ara ne agyapade a asɔfo no . Ɛnsɛ moma wɔn kyɛfa biara Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30 Mo nnuaba a edi kan no mu nea edi mu ne mo akyɛde sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfo no de. Ɛsɛ mode mo mmɔre a edi kan no ma wɔn na nhyira atena mo afi mu. 31 Ɛnsɛ asɔfo no we aboa biara a wawu nam; ɛyɛ anomaa anaa wuram aboa biara.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também