Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 28

Nkɔmhyɛ A Etia Tirohene

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2 "Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Wufi wʼahantan koma mu ka se,

"Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahengua so

po mfimfini."

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwɔ mu, wudwen wunim nyansa onyame bi.

3 Wunim nyansa sen Daniel ana?

Wunim kokoamsɛm biara ana?

4 Wonam wo nyansa ne nhumu so

anya ahode ama wo ho,

woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼadekoradan mu.

5 Wonam wʼaguadi mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya nti

woahoran wo koma mu.

6 " Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Esiane wudwen wunim nyansa

te Onyame nti,

7 mede ananafo reba abetia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefo pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn afoa

wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwirew wʼanuonyam no.

8 Wɔde wo bɛto amoa no mu,

na wubewu owu yaayaw

ɛpo mfimfini.

9 Afei wobɛka se, "Meyɛ onyame,"

wɔn a wokum wo no anim ana?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame,

wɔn a wokum wo no nsam.

10 Wubewu momonotofo wu

ananafo nsam.

Me na maka, Otumfo Awurade asɛm ni.’ "

11 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 12 "Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛso,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛdua.

13 Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanambo, akraatebo ne bɔwerɛbo

sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo,

hoabo, nsrammabo ne ahabammono bo;

wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛde,

wosiesiee ne nyinaa da a wɔbɔɔ wo.

14 Wɔsraa wo ngo ɔhwɛfo kerub,

efisɛ saa na mehyɛɛ wo.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔw kronkron no so;

wonantew ogya abo mu.

15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm

efi da a wɔbɔɔ wo no

kosii wohuu amumɔyɛ wo mu.

16 Wʼaguadi a mu trɛw no nti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno nti mepam wo fii

Onyankopɔn bepɔw no so animguase mu,

na miyii wo adi, ɔhwɛfo kerub,

fii ogya abo no mu.

17 Wohyerɛn wo koma mu

wʼahoɔfɛ nti

na womaa wo nyansa porɔwee,

wʼanuonyam no nti.

Enti metow wo kyenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛde ahemfo anim.

18 Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi

agu wo kronkrommea ho fi

ɛno nti memaa ogya fii wo mu

na ɛhyew wo,

na memaa wo dan nsõ fam

wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

19 Aman a na wonim wo nyinaa

ho adwiriw wɔn wo ho:

wʼawiei ayɛ ahometew

na wɔrenhu wo bio.’ "

Nkɔmhyɛ A Etia Sidon

20 Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 21 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22 na ka se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

" Me ne wo anya, Sidon

na mɛda mʼanuonyam adi mo mu.

Wubehu mene Awurade no,

bere a mede asotwe aba ne so

na mada me ho adi ɔkronkronni ne mu no.

23 Mɛma ɔyaredɔm aba ne so

na mama mogya ateɛ ne mmɔnten so.

Apirafo bɛtotɔ ne mu,

bere a afoa redi ahim ne ho nyinaa.

Afei na wobehu mene Awurade no.

24 " Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu mene Otumfo Awurade no.

25 " Sɛɛ na Otumfo Awurade se: meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so. 26 Wɔbɛtena asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também